Dwom 143:1-12

Dawid dwom. 143  O Yehowa, tie me mpaebɔ;+Yɛ asõ ma me nkotɔsrɛ.+Fi wo nokwaredi mu gye me so wo trenee mu.+   Wo ne w’akoa nnni asɛm,+Na ɔteasefo biara ntumi nni bem w’anim.+   Atamfo ataa me kra;+Wɔatiatia me nkwa so wɔ fam.+Wɔama matena esum mu sɛ nnipa a wɔawuwu dedaadaw.+   Me honhom+ atɔ piti me mu;Na me koma nso asen+ wɔ me mu.   Mekae tete nna;+Midwinnwen wo nnwuma nyinaa ho;+Metena ase susuw wo nsa ano adwuma ho.+   Matrɛw me nsam akyerɛ wo;+Me kra retwɛn wo sɛ asase wosee a ɛrepɛ nsu.+ Sela.   O Yehowa, yɛ ntɛm gye me so.+Me honhom asa awie.+ Mfa w’anim nhintaw me,+Anyɛ saa a mɛyɛ sɛ wɔn a wɔresian akɔ amoa mu no.+   Ma mente w’adɔe anɔpa,+Na wo na mede me ho ato wo so.+ Kyerɛ me ɔkwan a memfa so,+Na wo na mama me kra so akyerɛ wo.+   O Yehowa, gye me fi m’atamfo nsam.+Wo na mede wo ayɛ me hintabea.+ 10  Kyerɛkyerɛ me ma menyɛ nea wopɛ,+Na wone me Nyankopɔn.+ Wo honhom ye;+Ma ɛnkyerɛ me kwan wɔ teeyɛ asase so.+ 11  O Yehowa, wo din nti,+ kora me nkwa so.+Wo trenee+ nti, gye me kra fi ahohia mu.+ 12  W’adɔe nti, ma m’atamfo nyɛ komm;+Sɛe wɔn a wɔtan me kra nyinaa,+Efisɛ meyɛ w’akoa.+

Ase Hɔ Nsɛm