Dwom 144:1-15

Dawid dwom. 144  Nhyira nka Yehowa, me Botan no;+Nea ɔkyerɛ me nsa akodi,+Ne me nsateaa ɔsa no;   M’adɔe ne m’abannennen,+M’abantenten ne me Gyefo,+Me kyɛm+ ne Nea maguan akɔtoa no;+Nea ɔka nkurɔfo hyɛ m’ase no.+   O Yehowa, ɔdesani ne hena a wudwen ne ho,+Na onipa ba+ ne hena a wubu ne ho akontaa?   Onipa wɔ hɔ yi, ɔte sɛ mframa ara kwa;+Ne nna te sɛ sunsuma a etwam.+   O Yehowa, kuntun wo soro mu na sian bra fam;+Fa wo nsa ka mmepɔw ma emfi wusiw.+   Totow anyinam bɔ wɔn hwete;+Soma w’agyan na ma wɔn ani ntan.+   Teɛ wo nsa fi ɔsoro hɔnom;+Gye me, na yi me fi nsu bebree no mu,+Gye me fi ananafo nsam;+   Wɔn na wɔn ano ka atosɛm+Na wɔn nsa nifa yɛ nkontompo nsa nifa.+   O Onyankopɔn, mɛto dwom foforo mama wo.+Sanku a ɛso nhama yɛ du so na mɛto dwom mama wo,+ 10  Wo a wugye ahene,+Na wugye w’akoa Dawid fi nkrante bɔne ano.+ 11  Ma minnya me ho ntetew, na gye me fi ananafo nsam;+Wɔn na wɔn ano ka atosɛm+Na wɔn nsa nifa yɛ nkontompo nsa nifa;+ 12  Na wɔka sɛ: “Yɛn mmabarima te sɛ nnua nketewa a anyinyin wɔ wɔn mmeranteberem,+Na yɛn mmabea te sɛ twea so adum a wɔayɛ no sɛ ahemfie de; 13  Yɛn aduan korabea ayeyɛ amaama; nneɛma ahorow nyinaa bi wom,+Na yɛn nguankuw abu abɔ ho wɔ yɛn mmɔnten so, ma biako adan apem ne ɔpedu, 14  Yɛn anantwi mu ayeyɛ duru; ɔsɛe ne ɔpɔn biara mma wɔn mu,+Na yɛnte gyegyeegye biara wɔ yɛn mmɔnten so.+ 15  Anigye ne nnipa a ewie wɔn saa!”Anigye ne nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa!+

Ase Hɔ Nsɛm