Dwom 146:1-10

146  Munyi Yah ayɛ!+O me kra, yi Yehowa ayɛ.+   Meyi Yehowa ayɛ me nkwa nna nyinaa.+Mete ase yi, mɛto dwom ama me Nyankopɔn.+   Mommfa mo ho nnto adehye+Anaa onipa ba a nkwagye biara nni ne mu so.+   Ne honhom fi kɔ,+ na ɔsan kɔ ne dɔte mu;+Da no ara, ne nsusuwii yera.+   Anigye ne onipa a Yakob Nyankopɔn yɛ ne boafo;+Nea n’ani da Yehowa, ne Nyankopɔn so;+   Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase,+Ɛpo ne nea ɛwom nyinaa,+Ɔno na ɔkora nokware so afebɔɔ,+   Ɔno na obu atɛn ma wɔn a wosisi wɔn+Na ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan.+Yehowa na ɔsan wɔn a wɔakyekyere wɔn.+   Yehowa bue anifuraefo aniwa;+Yehowa ma wɔn a wɔakotow so gyina hɔ;+Yehowa dɔ treneefo.+   Yehowa na ɔwɛn ɔhɔho;+Ɔno na odi boa agyanka ne okunafo,+Na nnebɔneyɛfo kwan+ de, ɔkyea no.+ 10  Yehowa bedi hene akosi daa,+O Sion, wo Nyankopɔn bedi hene akosi awo ntoatoaso nyinaa so.+Munyi Yah ayɛ!+

Ase Hɔ Nsɛm