Dwom 148:1-14

148  Munyi Yah ayɛ!+Mumfi ɔsoro nyi Yehowa ayɛ,+Munyi no ayɛ wɔ sorosoro.+   N’abɔfo nyinaa, munyi no ayɛ.+N’asafodɔm nyinaa, munyi no ayɛ.+   Owia ne ɔsram, munyi no ayɛ.+Nsoromma a ɛhyerɛn nyinaa, munyi no ayɛ.+   Ɔsoro mu soro, munyi no ayɛ,+Nsu a ɛwɔ ɔsoro atifi+ nso, munyi no ayɛ.   Momma ne nyinaa nyi Yehowa din ayɛ,+Na ɔno na ɔhyɛ ma ɛbae.+   Ɔma ne nyinaa gyina daa daa.+Ɔde ahyɛde ama, na ɛrentwam.+   Munyi Yehowa ayɛ wɔ asase so,+Nsuboa ne subun nyinaa,+   Ogya ne amparuwbo, sukyerɛmma ne wusiw kumɔnn,+Ahum a edi n’asɛm so,+   Mmepɔw ne nkoko nyinaa,+Nnua a ɛsow aba ne nkyeneduru nyinaa,+ 10  Wuram mmoa ne afieboa nyinaa,+Mmoa a mowea ne ntakraboa,+ 11  Asase so ahene+ ne aman nyinaa,Mmapɔmma+ ne asase so atemmufo nyinaa,+ 12  Mmerante+ ne mmaabun,+Nkwakoraa+ ne mmarimaa.+ 13  Momma wonyi Yehowa din ayɛ,+Na ne din nkutoo na ɛkorɔn kyɛn so.+Ne nidi tra asase ne ɔsoro.+ 14  Ɔbɛma ne man abɛn so,+Ɔbɛma n’anokwafo nyinaa ayeyi so,+Ɔbɛma Israel mma a wɔbɛn no no ayeyi so.+Munyi Yah ayɛ!+

Ase Hɔ Nsɛm