Dwom 149:1-9

149  Munyi Yah ayɛ!+Monto dwom foforo+ mma Yehowa,Monto n’ayeyi dwom wɔ anokwafo asafo mu.+   Momma Israel nni ne Bɔfo Kɛse no mu ahurusi,+Sion mma no, momma wɔn ani nnye wɔn Hene ho.+   Momma wɔmfa asaw nyi ne din ayɛ.+Momma wɔmfa mpintin ne asanku nto dwom mma no.+   Yehowa ani gye ne man ho.+Ɔde nkwagye fura ahobrɛasefo ma wɔn ho yɛ fɛ.+   Momma anokwafo nni ahurusi wɔ anuonyam mu;Momma wɔnto ahurusi dwom, wɔn mpa so.+   Momma nnwom a ɛkamfo Onyankopɔn no nnyigye wɔn menewa mu;+Momma wonkura nkrante anofanu wɔn nsam,+   Na wɔmfa ntɔ aman so were,+Mfa ntwe amanaman asõ;+   Wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahene,+Mfa dade mpokyerɛ ngu wɔn anuonyamfo;   Na wɔmfa atemmu a wɔakyerɛw ato hɔ no mmra wɔn so.+Anuonyam a ɛte saa na ɛsɛ n’anokwafo nyinaa.+Munyi Yah ayɛ!+

Ase Hɔ Nsɛm