Dwom 15:1-5

Dawid dwom. 15  O Yehowa, hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan+ mu?Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so?+   Nea ɔnantew nokwaredi mu+ na ɔyɛ adetrenee,+Na ɔka nokwasɛm ne komam.+   Ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nkurɔfo din.+Ɔnyɛ ne yɔnko bɔne,+Na ne mfɛfo nso, ɔmmɔ wɔn ahohora.+   Ommu onipa huhuni hwee n’ani so,+Na wɔn a wosuro Yehowa de, odi wɔn ni.+Sɛ ɔka ntam na etia no mpo a, ɔnsesa n’ano.+   Ɔmfa ne sika mma nnye mfɛntom,+Na onnye nea ne ho nni asɛm nkyɛn adanmude.+Nea ɔyɛ eyinom nyinaa no, ɔrenhinhim da biara da.+

Ase Hɔ Nsɛm