Dwom 16:1-11

Dawid miktam.* 16  Onyankopɔn, kora me so, efisɛ wone me guankɔbea.+   Maka akyerɛ Yehowa sɛ: “Wone Yehowa; sɛ meyɛ papa a, menyɛ mma wo,+   Na mmom meyɛ ma akronkronfo a wɔwɔ asase so no.Saa anuonyamfo no, wɔn na m’ani sɔ wɔn paa.”+   Wɔn a wɔde ntɛmpɛ di anyame foforo akyi no, wɔn yawdi dɔɔso.+Merenhwie wɔn mogya afɔrebɔ nsã no bi,+Na meremma wɔn din nna m’ano.+   Yehowa ne me kyɛfa+ ne kuruwa a wɔasusuw ama me.+Me kyɛfa hyɛ wo nsa.   Susuhama no atwa nea ɛhɔ ye ama me.+M’ani asɔ nea manya no.   Mehyira Yehowa a wama me afotu+ no.Anadwo na m’asaabo teɛ me so.+   Mede Yehowa asi m’anim daa.+Ɔwɔ me nifa nti, merenhinhim da biara da.+   Ɛno nti me koma bɛtɔ me yam, na m’anuonyam adi ahurusi.+Me honam nso bɛtena hɔ dwoodwoo.+ 10  Na worennyaw me kra wɔ Adamoa* mu.+Woremma wo nokwafo nhu amoa.+ 11  Wobɛma mahu nkwa kwan.+Ahurusidi kɛse wɔ w’anim;+Anigye wɔ wo nifa so daa.+

Ase Hɔ Nsɛm

Miktam yɛ nnwom mu kasa bi a wɔnnim deɛ ɛkyerɛ pɔtee.
Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.