Dwom 17:1-15

Dawid mpaebɔ. 17  O Yehowa, tie me trenee adesrɛ; wɛn w’aso ma me sufrɛ;+Yɛ aso ma me mpaebɔ a efi ano a nnaadaasɛm nnim mu no.+   W’anim na bu me atɛn trenee mu;+Ma w’aniwa nhwɛ nea ɛteɛ.+   Woapɛɛpɛɛ me komam, woahwehwɛ me mu anadwo,+Woanan me ayiyi me mu; woahu sɛ memmɔɔ pɔw bɔne bi.+M’ano renka mmaratode.+   Nnipa nneyɛe ho de,W’anom asɛm ama mahwɛ me ho yiye wɔ odwowtwafo akwan ho.+   Ma m’anammɔn mfa w’akwan mu,+Ɛno na me nan renhinhim.+   Misu frɛ wo, efisɛ wubegye me so, O me Nyankopɔn.+Yɛ aso ma me. Tie m’asɛm.+   Ma w’adɔe nyɛ nwonwa,+ Ogyefo a wugye wɔn a woguan toa wo;Wugye wɔn fi wɔn a wɔtew atua tia wo nsa nifa no nsam.+   Hwɛ me so sɛ aniwa kesua,+Na fa me hintaw wo ntaban nwini ase,+   Nnebɔneyɛfo a wɔfow me nti.Me kra atamfo atwa me ho ahyia.+ 10  Wɔapirim wɔn koma;*+Wɔde wɔn ano kasa ahantan so;+ 11  Baabi a yebetu yɛn nan asi biara na wɔatwa yɛn ho ahyia;+Wɔde wɔn ani si so twe yɛn ba fam.+ 12  Wɔn mu biara te sɛ gyata a ɔrepɛ nam atetew,+Ne gyata a ɔtɛw ahintawee mu. 13  Sɔre ɛ, O Yehowa; kɔ n’anim;+Brɛ no ase, fa wo nkrante+ gye me kra fi ɔdebɔneyɛfo nsam, 14  O Yehowa, fa wo nsa gye me+ fi nnipa nsam,Gye me fi wiase+ nnipa a wɔn kyɛfa wɔ asetena yi mu+ nsam,Nnipa a wode w’akorade ahyɛ wɔn yafunu ma,+Wɔn a mma+ abu wɔn soNa wɔde wɔn agyapade gyaw wɔn mma+ no. 15  Me de, trenee mu na mɛhwɛ w’anim;+Sɛ minyan a, m’ani begye sɛ mehu wo.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne “wɔde srade akyekyere wɔn ho.”