Dwom 18:1-50

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Yehowa akoa Dawid dwom; ɔkaa dwom yi mu nsɛm kyerɛɛ Yehowa da a Yehowa yii no fii n’atamfo nyinaa nsam, ne Saul+ nsam no. Ɔkae sɛ: 18  Mɛdɔ wo, O Yehowa, m’ahoɔden.+   Yehowa ne me botan ne m’abannennen, ne me Gyefo.+Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno na miguan metoa no,+Me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’abantenten.+   Misu mefrɛ Yehowa, Ɔno a ɔfata ayeyi+ no,Na obegye me afi m’atamfo nsam.+   Owu nhama twaa me ho hyiae;+Ahuhufo nsuyiri nso yii me hu daa.+   Adamoa* nhama twaa me ho hyiae;+Owu mfiri bɛtoaa me.+   M’ahohia mu, mefrɛɛ Yehowa,Na misu frɛɛ me Nyankopɔn.+Ɔtee me nne n’asɔrefie hɔ,+Na me sufrɛ no duu n’asom.+   Ɛnna asase hinhimii, na ɛwosowee,+Mmepɔw nnyinaso nso wosowee,+N’abufuw nti, ɛwosow biribiri.+   Wusiw fii ne hwenem, na n’anom gya nso hyew ade;+Nsramma dɛw fii ne mu.   Okuntun ɔsoro mu sianee.+Ná esum kabii wɔ ne nan ase. 10  Ɔtenaa kerubim so tu bae,+Na ɔde ɔbɔfo ntaban*+ tuu huu bae. 11  Ɔde sum kataa ne ho,+Ɔde yɛɛ ɔsese twaa ne ho hyiae,Osu a amuna tumm, omununkum+ kusuu mu. 12  N’anim hann mu na ne mununkum fi betwaa mu,+Na amparuwbo ne nsramma a ɛredɛw+ nso bae. 13  Yehowa fi ɔsoro boboom,+Ɔsorosoroni no maa ne nne so,+Na amparuwbo ne nsramma a ɛredɛw nso bae. 14  Ɔsomaa n’agyan bae, na ɔde bɔɔ wɔn hwetee;+Ɔtotow anyinam nso de tan wɔn ani.+ 15  Wohuu nsu ase,+Na asase fapem yii adi;+Efi w’animka, O Yehowa, efi wo hwene mu home hahyeehahyee no.+ 16  Ɔteɛɛ ne nsa fii soro, osoo me mu;+Oyii me fii nsu akɛse mu.+ 17  Ogyee me fii me tamfo hoɔdenfo nsam;+Ogyee me fii wɔn a wokyi me nsam; efisɛ na wɔn ho yɛ den sen me.+ 18  Wɔbɛtoaa me m’amanehunu+ da,Nanso Yehowa bɛyɛɛ me boafo.+ 19  Oyii me kogyinaa nea ɛhɔ trɛw;+Ogyee me efisɛ n’ani gyee me ho.+ 20  Yehowa tua me ka sɛnea me trenee te;+Sɛnea me nsa ho tew na otua me ka.+ 21  Efisɛ mafa Yehowa akwan so,+Na minnyaw me Nyankopɔn+ nkɔyɛɛ bɔne. 22  N’atemmusɛm nyinaa wɔ m’anim,+Na ne mmara nso, merenyi mfi me ho.+ 23  Medi mũ wɔ ne nkyɛn,+Na mɛtwe me ho afi bɔne nso ho.+ 24  Ma Yehowa ntua me ka sɛnea me trenee te;+Sɛnea me nsa ho tew wɔ n’anim no, ontua me ka.+ 25  Ɔnokwafo na wo ne no bedi no nokwaredi mu;+Ɔbarima a odi mũ na wo ne no bedi no mũdi mu;+ 26  Nea ɔma ne ho tew na wobɛtew wo ho ama no;+Na ɔkɔntɔnkyeni de, wubekyinkyim wo ho akyerɛ no;+ 27  Wo na wugye mmɔborɔfo man;+Na aniwa a ɛyɛ ahantan de, wobɛbrɛ no ase.+ 28  Wo na woma me kanea hyerɛn, O Yehowa;+Me Nyankopɔn bɛma esum adan me hann.+ 29  Wo nti, mitumi tow hyɛ afowfo dɔm so;+Na me Nyankopɔn nti mitumi foro ɔfasu.+ 30  Nokware Nyankopɔn no de, ne kwan yɛ pɛ;+Yehowa asɛm nso, wɔapa mu.+Ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a woguan kɔtoa no+ nyinaa. 31  Hena ne Onyankopɔn sɛ Yehowa?+Na hena ne ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?+ 32  Nokware Nyankopɔn no na ɔde ahoɔden+ bɔ me abɔso,Na ɔbɛma me kwan ayɛ pɛ,+ 33  Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforote de,+Na baabi a ɛwɔ sorosoro mpo, ɔma mitumi gyina hɔ.+ 34  Ɔkyerɛkyerɛ me nsa akodi,+Na me basa kuntun kɔbere tadua mu.+ 35  Wode wo nkwagye kyɛm bɛma me;+Wo nsa nifa na ɛbɛwowaw me,+Na w’ahobrɛase na ɛbɛma mayɛ kɛse.+ 36  Wobɛma m’anammɔn mu atrɛw,+Na me nankɔn anwosowosow.+ 37  Mɛpam m’atamfo akosi sɛ mɛto wɔn;Merensan kosi sɛ mɛtɔre wɔn ase.+ 38  Mebubu wɔn, na wɔrentumi nsɔre bio;+Wɔbɛhwe ase me nan ase.+ 39  Wode ahoɔden bɛbɔ me abɔso ama akodi,Na wobɛma wɔn a wɔsɔre tia me ahwe ase wɔ me nan ase.+ 40  Wode m’atamfo kɔn akyi bɛma me,+Na wɔn a wokyi me no, mɛsɛe wɔn.+ 41  Wosu frɛ, nanso ogyefo bi nni hɔ,+Wɔfrɛ Yehowa, nanso ommua wɔn.+ 42  Mɛyam wɔn muhumuhu sɛ mfutuma, mframa anim,+Na mɛtow wɔn agu sɛ abɔnten so atɛkyɛ.+ 43  Wubeyi me afi ɔman kasatia mu.+Na wobɛma madi amanaman so.+Ɔman a minnim wɔn no, wɔn na wɔbɛsom me.+ 44  Atesɛm kɛkɛ bɛma wɔatie me;+Na ahɔho nso bɛbrɛ wɔn ho ase ama me.+ 45  Ahɔho bekisa,Na wɔde ahopopo befi wɔn hintabea aba.+ 46  Yehowa te ase;+ nhyira nka me Botantim no,+Na me nkwagye Nyankopɔn no, wɔmma no so.+ 47  Nokware Nyankopɔn no na ɔtɔ were ma me;+Na ɔka aman gu me nan ase.+ 48  Ogye me fi m’atamfo a wɔn bo afuw nsam;+Wobɛma me so wɔ wɔn a wɔsɔre tia me no so,+Wubegye me afi owudifo nsam.+ 49  Ɛno nti, mɛkamfo wo amanaman mu, O Yehowa,+Na mɛto ayeyi dwom ama wo din.+ 50  Nkwagye nnwuma akɛse na ɔyɛ ma ne hene,+Na ɔyɛ nea wasra no no adɔe,+Dawid ne n’aseni no, daa daa.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.
Anaa “mframa ntaban.”