Dwom 19:1-14

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. 19  Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam kyerɛ;+Na wim kyerɛ ne nsa ano adwuma.+   Adekyee biara, adekyee kasa,+Na anadwo biara, anadwo kyerɛ nimdeɛ.+   Wommue wɔn ano nkasa, na wɔnte wɔn anom nsɛm;Wɔnte ɛnne bi nso.+   Nanso wɔn susuhama du wiase nyinaa,+Na wɔn nsɛm du asase ano baabiara.+Wɔn mu na Onyankopɔn asi ntamadan ama owia,+   Ɛte sɛ ayeforokunu a ofi ne dan mu repue;+Ne ho sɛpɛw no sɛ ɔhoɔdenfo a ɔretu mmirika wɔ ɔkwan bi so.+   Ofi adi fi ɔsoro ano,Na okowie n’akwantu wɔ ɔfã nohoa;+Biribiara nhintaw ne hyew ano.+   Yehowa mmara+ yɛ pɛ,+ ɛma ɔkra ho san no.+Yehowa nkaesɛm+ yɛ nokware,+ ɛma nea onni nimdeɛ hu nyansa.+   Yehowa ahyɛde+ teɛ,+ ɛma koma di ahurusi;+Yehowa mmara nsɛm+ ho tew,+ ɛma obi ani tew.+   Yehowa suro+ ho tew, ɛwɔ hɔ daa.Yehowa atemmusɛm+ yɛ nokware;+ ne nyinaa teɛ.+ 10  Ɛyɛ akɔnnɔ sen sika, ɛsen sika amapa mpo;+Ɛyɛ dɛ sen ɛwo+ ne ɛwo a ɛsosɔ fi ɛwokyɛm+ mu. 11  Ɛbɔ w’akoa kɔkɔ;+Ɛsodi mu wɔ akatua+ sɛ. 12  Hena na otumi hu n’ankasa ne mfomso?+Me bɔne a minnim no, fa firi me.+ 13  Yi w’akoa fi anidaho bɔne ho;+Mma ennni me so.+Ɛno na ɛbɛma madi mũ,+Na made me ho afi mmarato pii ho. 14  Ma m’anom nsɛm ne me komam nsusuwii+Nyɛ wo fɛ, O Yehowa, me Botan+ ne me Gyefo.+

Ase Hɔ Nsɛm