Dwom 2:1-12

2  Dɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye+Na aman pii keka nsɛnhunu?+   Asase so ahene sɔre gyina,+Na atumfoɔ bom+Sɔre tia Yehowa+ ne nea wasra no no.+   Wɔka sɛ: “Momma yɛntetew wɔn nhama mu,+Na yɛntow wɔn ntampehama mfi yɛn ho ngu!”+   Nea ɔte ɔsorosoro no+ bɛserew;Na Yehowa bedi wɔn ho fɛw.+   Saa bere no, ɔbɛkasa akyerɛ wɔn n’abufuw mu,+Na n’abufuhyew mu na ɔbɛma wɔabɔ hu.+   Ɔbɛka sɛ: “Me na masi me hene+Wɔ Sion,+ me bepɔw kronkron no so.”+   Ma menka Yehowa mmara;Waka akyerɛ me sɛ: “Woyɛ me ba;+Me na ɛnnɛ mayɛ w’agya.+   Bisa me,+ na mede amanaman bɛma wo sɛ w’agyapade;+Mede asase ano nyinaa bɛma wo ma woadi so.+   Wode dade poma+ bebubu wɔn,Wubebubu wɔn asinasin+ sɛ ɔnwemfo anwenne.” 10  Afei ahene, munhu nyansa;Asase so atemmufo, momma wɔnteɛteɛ mo.+ 11  Momfa osuro+ nsom Yehowa,Na momfa ahopopo nni ahurusi.+ 12  Monyɛ ɔba no atuu*+ na Onyankopɔn bo amfuw,Na moanyera ɔkwan mu,+Efisɛ n’abufuw dɛw ntɛm.+Anigye ne wɔn a woguan kɔtoa no nyinaa.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne “few ɔba no ano.”