Dwom 20:1-9

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. 20  Yehowa ntie wo, ahohia+ da.Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban.+   Ɔmfa wo mmoa mfi kronkronbea+ hɔ mmra,Na omfi Sion+ nwowaw wo.   Ɔnkae w’ayɛyɛde+ nyinaa,Na n’ani nsɔ wo hyew afɔre mu srade.+ Sela.   Ɔmma wo nea wo koma pɛ,+Na ɔmma wo tirimbɔ nyinaa mmra mu.+   Ogye a wagye wo no mu na yebedi ahurusi,+Na yɛn Nyankopɔn din mu na yɛbɛmoma yɛn frankaa so.+Yehowa mma w’abisade nyinaa mmra mu.+   Mahu sɛ Yehowa gye nea wasra no+ no.Ofi ne soro+ kronkron hɔ tie no;Ɔde ne nsa nifa mu ahoɔden nnwuma begye no.+   Ebinom ka nteaseɛnam ho asɛm, ebinom nso bɔ apɔnkɔ+ din,Na yɛn de, Yehowa yɛn Nyankopɔn din na yɛbɛbɔ.+   Wɔn na wɔadi nkogu ahwehwe ase;+Na yɛn de, yɛasɔre, na yegyina hɔ pintinn.+   O Yehowa, gye ɔhene+ ɛ!Da a yɛbɛfrɛ no, obegye yɛn so.+

Ase Hɔ Nsɛm