Dwom 21:1-13

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. 21  O Yehowa, w’ahoɔden mu na ɔhene di ahurusi,+Na wo nkwagye mu na obedi ahurusi daa!+   Wode nea ne koma pɛ ama no,+Na woankame no n’ano abisade.+ Sela.   Wubehyiaa no de adepa+ hyiraa no,Na wode sika amapa abotiri bɔɔ ne ti.+   Obisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no,+Womaa no nnasanten, daa daa.+   N’anuonyam sõ wɔ wo nkwagye mu.+Nidi ne anuonyam na wode ahyɛ no.+   Woayɛ no nhyira kɛse daa;+Wode w’anim ahurusidi+ ma n’ani gye.   Ɔhene de ne ho ato Yehowa so,+Ɔde ato Ɔsorosoroni no adɔe so. Biribiara remma onhinhim.+   Wo nsa bɛka w’atamfo nyinaa;+Wo nsa nifa na ebeso wɔn a wɔtan wo no mu.   Wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a wɔasɔ mu gya bere a woahyɛ sɛ wubeyi wo ho adi no.+Yehowa abufuw mu na ɔbɛmene wɔn, na ogya na ɛbɛhyew wɔn.+ 10  Wobɛsɛe wɔn mma afi asase so,+Na wobɛsɛe wɔn asefo afi nnipa mma mu.+ 11  Efisɛ wɔabɔ wo ho pɔw bɔne;+Wɔasusuw biribi a wɔrentumi nyɛ.+ 12  Na wobɛma wɔadan wɔn ani aguan,+W’agyan hama a wode akyerɛ wɔn so+ nti. 13  O Yehowa, ma wo ho so, w’ahoɔden mu.+Yɛbɛto dwom, yɛbɛto wo kɛseyɛ ho dwom.+

Ase Hɔ Nsɛm