Dwom 23:1-6

Dawid dwom. 23  Yehowa ne me Hwɛfo.*+Hwee renhia me.+   Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea.+Ɔde me kɔ homebea a nsu pii wɔ.+   Odwudwo me kra.+Ɔde me fa ɔkwantrenee so, ne din nti.+   Sɛ menam esum kabii bon mu+ mpo a,Minsuro bɔne biara,+Efisɛ woka me ho;+W’abaa ne wo poma na ɛkyekye me werɛ.+   Wotow me pon m’atamfo anim.+Wode ngo sra me tirim;+Me kuruwa yɛ ma bu so.+   Papayɛ ne adɔe nko ara na ebedi m’akyi me nkwa nna nyinaa;+Na mɛtena Yehowa fie nna pii.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne “Me Guanhwɛfo.”