Dwom 27:1-14

Dawid dwom. 27  Yehowa ne me hann+ ne me nkwagye.+Hena na mesuro no?+Yehowa ne me nkwa abannennen.+Hena na me ho bɛpopo n’anim?+   Bere a nnebɔneyɛfo baa me so sɛ wɔrebedi me nam,+M’atamfo ne wɔn a wokyi me no,+Wɔn na wohintiwee, na wɔhwehwee ase.+   Sɛ dɔm bɔ me so nsra+ a,Me koma rentu.+Sɛ wotu me so sa+ a,Ɛno mpo mede me ho bɛto wo so.+   Ade biako na mesrɛ Yehowa+​—Ɛno na mehwehwɛ akyi kwan,+Sɛ mɛtena Yehowa fie me nkwa nna nyinaa,+Na mahwɛ Yehowa papayɛ,+Na mede anisɔ ahwɛ n’asɔrefie.+   Ɔbɛkora me so ne hintabea ahohia da;+Ɔde me besie ne ntamadan mu ahintawee mu;+Ɔde me begyina ɔbotan so+ wɔ sorosoro.   Na afei wɔbɛma me ti so wɔ m’atamfo a wɔatwa me ho ahyia nyinaa so;+Na mede osebɔ bɛbɔ ayeyi afɔre wɔ ne ntamadan mu;+Mɛto dwom, mɛto ayeyi dwom ama Yehowa.+   O Yehowa, sɛ mede me nne mefrɛ wo a, tie me,+Hu me mmɔbɔ na gye me so.+   Me koma ka w’ahyɛde yi sɛ: “Monhwehwɛ me.”+O Yehowa, mɛhwehwɛ wo.+   Mfa w’ani nhintaw me.+Mfa abufuw mpam w’akoa.+Bra bɛboa me.+Ntow me nkyene, na nnyaw me, O me nkwagye Nyankopɔn.+ 10  Sɛ me papa ne me maame mpo gyaw me+ a,Yehowa de, obegye me.+ 11  Kyerɛkyerɛ me wo kwan, O Yehowa,+Na fa me fa ɔkwantrenee so, m’atamfo nti. 12  Mfa me nhyɛ m’atamfo kra nsa;+Na adansekurumfo asɔre atia me,+Ne wɔn a wopuw anuɔdensɛm no.+ 13  Sɛ ɛnyɛ gyidi na minyae sɛ mehu Yehowa papayɛ wɔ ateasefo asase so+ a​—! 14  Fa w’ani to Yehowa so;+ nya akokoduru na ma wo bo nyɛ duru.+Yehowa so na fa w’ani to.+

Ase Hɔ Nsɛm