Dwom 29:1-11

Dawid dwom. 29  Ahoɔdenfo mma, momfa mma Yehowa,Momfa anuonyam ne ahoɔden mma Yehowa.+   Momfa Yehowa din anuonyam mma no.+Momfa ahohyehyɛ kronkron nkotow Yehowa.+   Yehowa nne di nsu* so;+Anuonyam Nyankopɔn+ no na ɔma aprannaa bobom.+Yehowa di nsu pii so.+   Yehowa nne mu wɔ ahoɔden;+Yehowa nne mu wɔ anuonyam.+   Yehowa nne bubu nkyeneduru;Ampa, Yehowa bubu Lebanon nkyeneduru mu asinasin,+   Na ɔma ehuruhuruw sɛ nantwi ba;+Ɔma Lebanon ne Sirion+ huruhuruw sɛ ɛkoɔ mma.   Yehowa nne pa ogyaframa;+   Yehowa nne ma sare so wosow,+Yehowa ma Kades+ sare so wosow.   Yehowa nne ma awo ka ɔforote+ mpofirim;Ɛma kwae yɛ pasaa.+Na obiara ka wɔ n’asɔrefie hɔ sɛ: “Anuonyam nka no!”+ 10  Yehowa te nsuyiri so;+Yehowa bɛtena hɔ sɛ ɔhene daa daa.+ 11  Yehowa na ɔbɛma ne nkurɔfo ahoɔden.+Yehowa na ɔde asomdwoe+ behyira ne nkurɔfo.

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛfa osutɔ kɛse ho.