Dwom 3:1-8

Dawid dwom; bere a ɔreguan afi ne ba Absalom anim no.+ 3  O Yehowa, dɛn nti na m’atamfo adɔɔso saa?+Dɛn nti na nnipa pii sɔre tia me?+   Nnipa pii ka wɔ me kra ho sɛ:“Onyankopɔn rennye no nkwa.”+ Sela.*   Nanso wo Yehowa, wone me kyɛm,+Wone m’anuonyam+ ne Nea ɔma me ti so.+   Mɛma me nne so afrɛ Yehowa,Na obegye me so afi ne bepɔw kronkron so.+ Sela.   Me de, mɛda me kɛtɛ so, na mada;Menyan efisɛ Yehowa gyina m’akyi.+   Merensuro nnipa mpempemA wɔatwa me ho ahyia.+   O Yehowa, sɔre ɛ!+ Me Nyankopɔn,+ gye me ɛ!+Bubu m’atamfo nyinaa abogye.+Dwiriw abɔnefo sẽ.+   Nkwagye yɛ Yehowa dea.+Wo nhyira wɔ wo man so.+ Sela.

Ase Hɔ Nsɛm

Sela.” Ɛyɛ Hebri anwensɛm anaa nnwom mu asɛm bi. Wonnim nea ɛkyerɛ pɔtee.