Dwom 30:1-12

Ayeyi dwom. Dwom a wɔde hyiraa ɔdan+ no so. Dawid dwom. 30  O Yehowa, mɛkamfo wo efisɛ woayi me afi mu;+Woamma m’atamfo anni me ho ahurusi.+   Misu mefrɛɛ wo, O Yehowa me Nyankopɔn, na wosaa me yare.+   O Yehowa, woagye me kra afi Adamoa* mu;+Woama matena nkwa mu, na mankɔ amoa mu.+   Yehowa anokwafo nyinaa, monto dwom mma no,+Munyi ne din kronkron no ayɛ;*+   Efisɛ n’abufuw nkyɛ+ onipa so,Na n’adom de, ɛtena hɔ afebɔɔ.+Anwummere, osũ ba,+ nanso anɔpa, ahurusidi ba.+   Me de, maka wɔ m’ahodwo mu+ sɛ:“Merenhinhim ara da.”+   O Yehowa, w’adom mu na woama me bepɔw atim ahoɔden mu.+Wode w’anim hintawee, na mehawee.+   O Yehowa, wo na mefrɛɛ wo+ daa;Yehowa na mekotow srɛɛ no daa sɛ ɔnnom me.+   Sɛ mekɔ amoa mu+ a, mfaso bɛn na ɛwɔ me mogya so?Mfutuma betumi akamfo wo anaa?+ Ebetumi aka wo nokware akyerɛ?+ 10  Yehowa, tie me ɛ, na dom me.+O Yehowa, boa me.+ 11  Woama m’awerɛhow adan asaw;+Woasan me ho atweaatam, na wode ahurusi abɔ me abɔso;+ 12  Ɛno na m’anuonyam bɛto dwom ama wo, na ɛrenyɛ komm.+O Yehowa me Nyankopɔn, mɛkamfo wo+ daa daa.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.
Nea ɛkyerɛ ankasa ne “monna ne nkae kronkron no ase.”