Dwom 31:1-24

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. 31  O Yehowa, wo na maguan abɛtoa wo.+Mma m’anim nngu ase da.+Wo trenee mu na gye me.+   Yɛ asõ ma me.+Gye me ntɛm so.+Bɛyɛ me botan abannennen+Ne ofie abannennen, na gye me.+   Efisɛ wone me botan ne m’abannennen;+Na wo din nti,+ wubedi m’anim na woakogya me.+   Wubeyi me afi asau a wɔde ahintaw me no mu,+Efisɛ wone me guankɔbea.+   Wo nsam na mede me honhom ahyɛ.+O Yehowa, nokware Nyankopɔn,+ woagye me.+   Mikyi wɔn a wodi abosonhuhuw a mfaso biara nni wɔn so+ akyi no;Me de, Yehowa na mede me ho to no so.+   M’ani begye na madi ahurusi w’adɔe mu,+Efisɛ woahu m’amanehunu;+Wunim me kra ahohia,+   Na woamfa me anhyɛ atamfo nsa.+Wode me nan asi nea ɛhɔ trɛw.+   O Yehowa, dom me, na me ho akyere me.+Ahometew ama m’aniwa resɛe,+ ɛne me kra ne me yafunu.+ 10  Me nkwa aba awiei awerɛhow mu,+Na me mfe nso, ahomegu mu na aba awiei.+Me mfomso nti m’ahoɔden so atew,+Na me nnompe mu ayɛ mmerɛw.+ 11  Mayɛ ahohorade+ wɔ wɔn a wɔtan me+ ani so,Madan ahohorade kɛse ama m’afipamfo;+M’amannifo suro me.+Sɛ mifi adi na wohu me a, woguan.+ 12  Wɔn werɛ afi me sɛ owufo a wɔnkae no bio;+Mayɛ sɛ anwenne a abɔ.+ 13  Mate nnipa bebree nsekudi+ no;Ahude atwa me ho ahyia.+Sɛ wohyia tu me ho agyina+ a,Na ɛyɛ me kra a wɔpɛ sɛ woyi fi hɔ na wɔrebɔ ho pɔw.+ 14  Nanso me de, wo na mede me ho to wo so, O Yehowa.+Maka sɛ: “Wone me Nyankopɔn.”+ 15  Me nna hyɛ wo nsa.+Gye me fi m’atamfo ne m’ataafo nsam.+ 16  Tew w’anim kyerɛ w’akoa.+Gye me w’adɔe so.+ 17  O Yehowa, mma m’anim nngu ase, efisɛ masu mafrɛ wo.+Ma nnebɔneyɛfo anim ngu ase;+Ma wɔnka wɔn ano ntom wɔ Adamoa* mu.+ 18  Ma atorofo nka wɔn ano ntom;+Wɔn na wɔde ahantan ne animtiaabu keka ɔtreneeni ho nsɛm+ a wonnyae.+ 19  Wo papayɛ a wode asie ama wɔn a wosuro wo+ no dɔɔso dɛn ara!+Wɔn a woguan bɛtoa wo no na wode ma wɔnWɔ nnipa mma anim.+ 20  Wobɛkora wɔn so w’anim ahintawee mu+Afi nnipa a wɔabɔ kyenku anim.+Wobɛkora wɔn so wɔ wo sese mu afi tɛkrɛma a ɛham ho.+ 21  Nhyira nka Yehowa,+Efisɛ wayɛ adɔe kɛse+ ama me wɔ kurow a atamfo atwa ho ahyia mu.+ 22  Me de, ahopopo mu na mekae sɛ:+“Mɛsɛe afi w’ani so.”+Misu mefrɛɛ wo, na wutiee me nkotɔsrɛ nne.+ 23  Yehowa anokwafo nyinaa, monnɔ no.+Yehowa bɔ anokwafo nyinaa ho ban,+Na ahantanfo de, otua wɔn ka ma ɛboro so.+ 24  Munnya akokoduru, na mo bo nyɛ duru,+Mo a moretwɛn Yehowa nyinaa.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.