Dwom 32:1-11

Dawid dwom. Maskil.* 32  Anigye ne onipa a wɔde ne mmarato afiri no, na wɔakata ne bɔne so.+   Anigye ne onipa a Yehowa mmu mfomso ngu no so,+Na ɔnyɛ ɔdaadaafo.+   Mimuaa m’ano no, me mu apinisi wewee me nnompe mu daa.+   Wo nsa yɛɛ duru wɔ me so+ adekyee ne adesae.Na me mu nsu nyinaa twee sɛnea ɔhyew yow nsu ɔpɛ bere mu+ no. Sela.   Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo, na mankata me mfomso so+ bio.Mekae sɛ: “Mɛka me mmarato akyerɛ Yehowa.”+Na wo nso wode me bɔne ne me mfomso firii me.+ Sela.   Eyi nti ɔnokwafo biara bɛbɔ wo mpae+Bere a obetumi ahu wo no.+Na nsuyiri kɛse de, ɛrenka no da.+   Wone me hintabea; wobɛkora me so na mankɔ ahohia mu.+Na wode nkwagye ahurusi dwom na ebetwa me ho ahyia.+ Sela.   Wokae sɛ: “Mɛma woanya nhumu na makyerɛ wo ɔkwan a fa so.+M’ani bɛba wo so, na matu wo fo.+   Monnyɛ mo ho sɛ apɔnkɔ anaa mfurumpɔnkɔ a wonnim nyansa+A wɔde nnareka anaa hama na ɛtwe wɔn+Ansa na wɔaba mo nkyɛn no.”+ 10  Ɔdebɔneyɛfo yaw dɔɔso;+Na nea ɔde ne ho to Yehowa so no de, adɔe nkutoo na etwa ne ho hyia.+ 11  Treneefo nyinaa, munni ahurusi Yehowa mu, na momma mo ani nnye;+Komam teefo nyinaa, monto ahurusi dwom.+

Ase Hɔ Nsɛm

Maskil yɛ Hebri asɛm bi a wonnim nea ɛkyerɛ pɔtee, a ebetumi akyerɛ “nweneho anwensɛm.”