Dwom 33:1-22

33  Treneefo, Yehowa nti munni ahurusi.+Ɛfata sɛ teefo yi no ayɛ.+   Momfa sankuten+ nna Yehowa ase;Momfa sanku a ɛso nhama yɛ du+ mmɔ dwom mma no.   Monto dwom foforo mma no;+Momfa mo koma nyinaa mmɔ sanku na mommɔ ose nka ho.+   Efisɛ Yehowa asɛm teɛ,+Na ne nnwuma nyinaa kɔ so nokwaredi mu.+   Ɔdɔ trenee ne atɛntrenee.+Yehowa adɔe ahyɛ asase so ma.+   Yehowa anom asɛm so na ɔyɛɛ ɔsoro,+Na n’anom honhom so na ɔyɛɛ emu asafo nyinaa.+   Ɔno na ɔboaboaa ɛpo mu nsu ano sɛ nsuban,+Na ɔmaa nsu a ɛrebu fa so koguu akorae.   Momma asase sofo nyinaa nsuro Yehowa.+Momma nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ho mpopo n’anim.+   Ɔno na ɔkae, na ɛbaa mu;+Ɔno na ɔhyɛe, na ɛyɛɛ hɔ.+ 10  Yehowa ka amanaman no agyina gu;+Na ɔma amanaman adwene yɛ kwa.+ 11  Yehowa agyina de, etim hɔ daa;+Ne komam nsusuwii wɔ hɔ fi awo ntoatoaso so kosi awo ntoatoaso so.+ 12  Anigye ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa,+Ɔman a wapaw wɔn sɛ n’agyapade.+ 13  Yehowa fi soro hwɛ,+Na ohu nnipa mma nyinaa.+ 14  Ɔte ne tenabea+Hwɛ wɔn a wɔtete asase so nyinaa. 15  Ɔnwene wɔn nyinaa koma;+Ohu wɔn nnwuma nyinaa.+ 16  Ɛnyɛ asraafo dodow na ɛma ɔhene di nkonim;+Ɔdɔmmarima wɔ hɔ yi, ɛnyɛ ahoɔden dodow na egye no.+ 17  Nkwagye mu, ɔpɔnkɔ nyɛ hwee,+Na n’ahoɔden dodow ntumi nnye nkwa.+ 18  Hwɛ! Yehowa ani wɔ wɔn a wosuro no so;+Ɛwɔ wɔn a wɔhwɛ n’adɔe kwan no so,+ 19  Sɛ obegye wɔn kra afi owu mu,+Na wagye wɔn nkwa, ɔkɔm bere mu.+ 20  Yɛn kra ani da Yehowa so.+Ɔno ne yɛn boafo ne yɛn kyɛm.+ 21  Ɔno na yɛn koma di ahurusi ne mu;+Efisɛ ne din kronkron no so na yɛde yɛn ho ato.+ 22  O Yehowa, ma w’adɔe ntena yɛn so,+Efisɛ wo na yɛn ani da wo so.+

Ase Hɔ Nsɛm