Dwom 34:1-22

Dawid dwom, bere a ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔbɔdamfo+ wɔ Abimelek anim, na ɔpam no ma ɔkɔe no. א [ʼAʹleph] 34  Mehyira Yehowa bere nyinaa;+N’ayeyi rempa m’anom da.+ ב [Behth]   Yehowa mu na me kra bɛhoahoa ne ho;+Ahobrɛasefo bɛte na wɔadi ahurusi.+ ג [Giʹmel]   Mommra mma yɛnkamfo Yehowa,+Na momma yɛmmom mma ne din so.+ ד [Daʹleth]   Mede abisade too Yehowa anim, na obuaa me,+Na ogyee me, m’ahude nyinaa mu.+ ה [Heʼ]   Nnipa a wɔde wɔn ani too no so no anim baa nyam,+Na wɔn anim angu ase.+ ז [Zaʹyin]   Mmɔborɔni yi frɛe, na Yehowa tiee no.+Ogyee no n’ahohia nyinaa mu.+ ח [Chehth]   Yehowa bɔfo bɔ wɔn a wosuro no nyinaa ho nsra,+Na ogye wɔn.+ ט [Tehth]   Monka nhwɛ na munhu sɛ Yehowa ye;+Anigye ne ɔbarima a oguan toa no.+ י [Yohdh]   Yehowa akronkronfo nyinaa, munsuro no,+Efisɛ biribiara nhia wɔn a wosuro no.+ כ [Kaph] 10  Agyataforo mpo, ade tumi hia wɔn ma ɔkɔm de wɔn;+Na wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa de, adepa biara remmɔ wɔn.+ ל [Laʹmedh] 11  Me mma, mommra mmetie me;+Yehowa suro na mɛkyerɛ mo.+ מ [Mem] 12  Hena ne nea ɔdɔ nkwa,+Na ɔpɛ sɛ ohu nna pa pii?+ נ [Nun] 13  Kora wo tɛkrɛma so, adebɔne ho,+Ne w’ano, na anka nnaadaasɛm.+ ס [Saʹmekh] 14  Twe wo ho fi bɔne ho na yɛ papa;+Hwehwɛ asomdwoe na di akyi.+ ע [ʽAʹyin] 15  Yehowa ani wɔ treneefo so,+Na wayɛ aso ama wɔn sufrɛ.+ פ [Peʼ] 16  Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne,+Sɛ obetwa wɔn din afi asase so.+ צ [Tsa·dhehʹ] 17  Treneefo teɛm, na Yehowa nso tie wɔn,+Na ogye wɔn, wɔn ahohia nyinaa mu.+ ק [Qohph] 18  Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu;+Ogye wɔn a wɔn honhom abotow.+ ר [Rehsh] 19  Ɔtreneeni amanehunu dɔɔso,+Nanso Yehowa gye no ne nyinaa mu.+ ש [Shin] 20  Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa so;Emu biako mpo mmu.+ ת [Taw] 21  Ɔdebɔneyɛfo de, mmusu na ebekum no;+Ɔtreneeni atamfo nso wobebu wɔn fɔ.+ 22  Yehowa gye n’asomfo kra;+Na obiara a ɔde no yɛ ne guankɔbea no, wɔremmu no fɔ.+

Ase Hɔ Nsɛm