Dwom 36:1-12

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Yehowa akoa Dawid dwom. 36  Ɔdebɔneyɛfo mmarato kasa wɔ ne koma mu;+Onyankopɔn ho suro nni n’ani so.+   Ɔde anitew bebrebe daadaa ne ho,+Enti onhu ne mfomso na wakyi.+   N’anom nsɛm yɛ amumɔyɛsɛm ne nnaadaa;+Onni nhumu a ɛbɛma wayɛ papa+ bio.   Odwen amumɔyɛsɛm, ne kɛtɛ so+ daa.Ogyina ɔkwan a enye so.+Adebɔne de, ɔmpo.+   O Yehowa, w’adɔe wɔ soro;+Wo nokware kodu omununkum mu.+   Wo trenee te sɛ mmepɔw a woayɛ, O Onyankopɔn;+W’atemmusɛm te sɛ subun kɛse.+O Yehowa, wo na wugye onipa ne aboa.+   Onyankopɔn, hwɛ sɛnea w’adɔe som bo!+Wo ntaban nwini ase na nnipa mma hintaw.+   Wɔnom wo fie nnepa mee;+Na woma wɔnom w’anigye sɛ asubɔnten.+   Efisɛ wo nkyɛn na nkwa nsuti wɔ;+Wo hann mu na yehu hann.+ 10  Ma w’adɔe ntena wɔn a wonim wo no so+ daa,Na ma wo trenee ntena koma mu teefo+ so. 11  Mma ɔhantanni nan nntia me;+Na mma nnebɔneyɛfo nsa mmma memmmɔ ko.+ 12  Hwɛ, amumɔyɛfo ahwehwe ase;+Wɔasum wɔn ahwe fam, na wontumi nsɔre.+

Ase Hɔ Nsɛm