Dwom 37:1-40

Dawid dwom. א [ʼAʹleph] 37  Mma wo bo mmfuw, nnebɔneyɛfo nti.+Mma w’ani mmmere amumɔyɛfo.+   Wobekisa ntɛmntɛm sɛ sare,+Na wobetwam akɔ sɛ wura momono.+ ב [Behth]   Fa wo ho to Yehowa so na yɛ papa;+Tena asase so na di nokware.+   Ma w’ani nka Yehowa ho,+Na ɔbɛma wo nea wo koma pɛ.+ ג [Giʹmel]   Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa,+Na fa wo ho to no so,+ na ɔno na ɔbɛyɛ.+   Ɔbɛma wo trenee ada adi sɛ hann,+Na w’atemmu ada adi sɛ owigyinae.+ ד [Daʹleth]   Yɛ komm ma Yehowa,+Na tɔ wo bo ase twɛn no.+Mma wo bo mmfuw, nea ne kwan asi no yiye+ nti,Onipa a odi ne nsusuwii akyi+ no. ה [Heʼ]   Ma abufuw ntwa, na gyae bobɔne;+Mma wo bo mmfuw na woanyɛ bɔne.+   Na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ,+Na wɔn a wɔtwɛn Yehowa no, wɔn na wobenya asase no adi.+ ו [Waw] 10  Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfo nni hɔ bio;+Na wohwehwɛ ne tenabea a, na onni hɔ.+ 11  Na ahobrɛasefo benya asase no adi,+Na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.+ ז [Zaʹyin] 12  Ɔdebɔneyɛfo fa ɔtreneeni ho adwemmɔne,+Na ɔtwɛre ne se gu no so.+ 13  Yehowa bɛserew no,+Efisɛ Onim sɛ n’awiei bɛba.+ ח [Chehth] 14  Nnebɔneyɛfo atwe nkrante, na wɔakuntun wɔn agyan mu,+Sɛ wɔbɛma mmɔborɔni ne ohiani ahwe ase,+Na wɔakum wɔn a wɔn kwan teɛ.+ 15  Wɔn nkrante bɛwɔ wɔn ara wɔn koma mu,+Na wɔn agyan abubu.+ ט [Tehth] 16  Ade kakra a ɔtreneeni wɔ no ye+ senAdedodow a nnebɔneyɛfo bebree wɔ.+ 17  Wobebubu nnebɔneyɛfo basa,+Na Yehowa bɛwowaw treneefo.+ י [Yohdh] 18  Yehowa nim wɔn a wodi mũ no nkwa nna,+Na wɔn agyapade bɛtena hɔ daa.+ 19  Wɔn ani renwu ahohia bere mu,+Na ɔkɔm bere mu nso, wɔbɛmee.+ כ [Kaph] 20  Nnebɔneyɛfo de, wɔbɛyera,+Na Yehowa atamfo bɛyɛ sɛ wura frɔmfrɔm;Wɔn awiei bɛba.+ Wusiw mu na wɔn awiei bɛba.+ ל [Laʹmedh] 21  Ɔdebɔneyɛfo fɛm, na ontua,+Na ɔtreneeni de, ɔdom nkurɔfo na ɔkyɛ ade.+ 22  Wɔn a ohyira wɔn na wobenya asase no adi,+Na wɔn a ɔdome wɔn no, wobeyi wɔn hɔ.+ מ [Mem] 23  Yehowa na ɔma ɔbarima anammɔn tim,+Na ne kwan sɔ N’ani.+ 24  Sɛ ɔhwe ase a, ɔremmea hɔ,+Efisɛ Yehowa kura ne nsa.+ נ [Nun] 25  Mayɛ abofra, na afei mabɔ akwakoraa,+Nanso minhuu onipa trenee a wɔagyaw no,+Anaasɛ n’asefo srɛ aduan.+ 26  Ɔdom nkurɔfo daa, na ɔde fɛm,+Ɛno nti n’asefo benya nhyira.+ ס [Saʹmekh] 27  Fi bɔne ho na yɛ papa,+Na woatena ase daa.+ 28  Yehowa dɔ atɛntrenee,+Na ɔrennyaw n’anokwafo.+ ע [ʽAʹyin] Ɔbɛhwɛ wɔn so+ daa;Na nnebɔneyɛfo asefo de, wobeyi wɔn hɔ.+ 29  Treneefo benya asase no adi,+Na wɔatena so daapem.+ פ [Peʼ] 30  Ɔtreneeni ano ka nyansasɛm wɔ ne komam,+Na ne tɛkrɛma ka asɛntrenee.+ 31  Ne Nyankopɔn mmara wɔ ne koma mu;+Ne nan nwatiriw.+ צ [Tsa·dhehʹ] 32  Ɔdebɔneyɛfo tɛw ɔtreneeni,+Na ɔhwehwɛ no akum no.+ 33  Yehowa de, ɔrennyaw ɔtreneeni, ɔdebɔneyɛfo nsam,+Na sɛ ɔrebu atɛn a, ɔremmu ɔtreneeni fɔ.+ ק [Qohph] 34  Twɛn Yehowa, na fa ne kwan so,+Na ɔbɛma wo so na woanya asase no adi.+Sɛ woyi nnebɔneyɛfo hɔ a, wubehu.+ ר [Rehsh] 35  Mahu ɔdebɔneyɛfo wɔ tumi kɛse mu,+Na ɔdennan sɛ dua a anya baabi pa asi ayɛ frɔmm.+ 36  Nanso otwaam kɔe, na onni hɔ;+Mehwehwɛɛ no, na manhu no.+ ש [Shin] 37  Hwɛ onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ nea ɔteɛ,+Sɛ saa onipa no awiei yɛ asomdwoe.+ 38  Mmaratofo de, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko,+Na nnebɔneyɛfo nso, wobeyi wɔn hɔ.+ ת [Taw] 39  Treneefo nkwagye fi Yehowa;+Ɔne wɔn ahohia bere mu guankɔbea.+ 40  Na Yehowa bɛboa wɔn na wagye wɔn.+Obeyi wɔn afi nnebɔneyɛfo nsam, na wagye wɔn,+Efisɛ wɔaguan atoa no.+

Ase Hɔ Nsɛm