Dwom 38:1-22

Dawid dwom a wɔde yɛ nkae. 38  O Yehowa, mfa w’abufuw nka m’anim,+Na nteɛ me so, w’abufuhyew mu.+   W’agyan awurawura me mu tɔnn,+Na wo nsa ayɛ duru wɔ me so.+   W’abufuw nti, me honam baabiara nnwo me.+Me bɔne nti, me nnompe mu nnwo me.+   Me mfomso aboro me ti so;+Ɛdɛn me so sɛ adesoa duruduru.+   M’akuru bɔn, na aporɔw,Me nkwaseasɛm nti.+   Mayɛ basaa, na me mu akuntun aboro so;+Da mũ nyinaa mede awerɛhow nenam.+   M’asen mu nyinaa hyehye me,Na me honam baabiara nnwo me.+   Madwudwo, na mabubu pasapasa;Me koma apinisi nti, mebobom.+   O Yehowa, nea mepɛ nyinaa wɔ w’anim,Na m’ahomegu nhintaw wo.+ 10  Me koma pere katirikatiri, m’ahoɔden afi me mu,Na m’aniwa hann nso atu afi me ho kɔ.+ 11  M’adɔfo ne me nnamfo afi me yare ho akogyina akyiri,+Na m’amannifo nso akogyina akyirikyiri.+ 12  Wɔn a wɔhwehwɛ me kra no sum me afiri,+Na wɔn a wɔpɛ sɛ mmusu ba me so no ka amanehunu ho asɛm.+Wɔka nnaadaasɛm da mũ nyinaa.+ 13  Nanso me de, mayɛ sɛ ɔsotifo, na mintie;+Mayɛ sɛ mum, na mimmue m’ano.+ 14  Mayɛ sɛ onipa a ɔnte asɛm,Na anoyi biara nni m’anom. 15  Wo, Yehowa, na metwɛn wo;+Na wubuaa me, O Yehowa, me Nyankopɔn.+ 16  Mekae sɛ: “Sɛ woammua a, anka wobedi me ho ahurusi;+Sɛ me nan watiriw+ a, anka wɔbɛmoma wɔn ho so atia me.”+ 17  Anka mereyɛ awatiriw,+Na me yaw wɔ m’anim daa nyinaa.+ 18  Mekaa me mfomso;+Na me bɔne dan me adwennwen.+ 19  M’atamfo ahoɔdenfo no yɛɛ nnɔmmarima,+Na wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso.+ 20  Wɔde bɔne tuaa adepa a meyɛe so ka;+Na adepa a midi akyi nti, wɔko tiaa me.+ 21  Yehowa, nnyaw me.O me Nyankopɔn, mma wo ne me ntam nnware.+ 22  Yɛ ntɛm bɛboa me,+O Yehowa, m’agyenkwa.+

Ase Hɔ Nsɛm