Dwom 39:1-13

Wɔde ma Yedutan*+ dwonkyerɛfo. Dawid dwom. 39  Mekae sɛ: “Mɛhwɛ m’akwan yiye+Na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne.+Mɛkyekyere m’ano+Bere a ɔdebɔneyɛfo wɔ m’anim yi.”+   Medan mum yɛɛ komm;+Mimuaa m’ano, papa ho,+Na mekaa me yaw hyɛe.   Me koma yɛɛ hyehyeehyew me mu;+M’apinisi mu na ogya no dɛwee.Mede me tɛkrɛma kae sɛ:   “O Yehowa, ma minhu m’awiei,+Na nna kakra a woasusuw ama me no, ma minhu sɛnea ɛte,+Na minhu sɛ mammɛtena ase ankyɛ.+   Hwɛ! Woayɛ me nna kakraa bi;+Na me nkwa nna nyɛ hwee w’anim.+Ampa, sɛ ɔdesani gyina hɔ pintinn mpo a, ɔte sɛ mframa.+ Sela.   Onipa nam sɛ sunsuma.+Ampa ara ɔyɛ kitikiti kwa.+Ɔboaboa ahode ano, nanso onnim nea ɛbɛkɔ akodi ne nsam.+   Na afei Yehowa, dɛn na mede m’ani ato so?Wo na mehwɛ wo kwan.+   Gye me fi me mmarato nyinaa mu.+Mma nea onni adwene mmmɔ me ahohora.+   Medan mum;+ mantumi ammue m’ano,+Efisɛ wo na woayɛ.+ 10  Yi wo haw fi me so.+Wo nsa a etia me nti, m’awiei aba.+ 11  Wode mfomso ho animka teɛ onipa so,+Na wosɛe n’akɔnnɔde sɛnea nwewee+ yɛ no.Ampa ara ɔdesani te sɛ mframa.+ Sela. 12  O Yehowa, tie me mpaebɔ,Na yɛ aso ma me sufrɛ.+Nyɛ komm me nusu ho,+Na meyɛ wo hɔho,+Meyɛ otubrafo sɛ m’agyanom nyinaa.+ 13  Yi w’ani fi me so, na menhyerɛn,+Ansa na mawu afi hɔ, a wonhu me bio.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Yedutan yɛ Hebri asɛm bi a wonnim nea ɛkyerɛ pɔtee.