Dwom 4:1-8

Wɔde ma dwonkyerɛfo, sɛ wɔmfa asanku+ nto. Dawid dwom. 4  O me trenee Nyankopɔn,+ sɛ mefrɛ wo a, gye me so.Sɛ mekɔ ahohia mu a, ma mintumi ntwa me ho.Hu me mmɔbɔ+ na tie me mpaebɔ.   Nnipa mma, mubebu m’anuonyam+ animtiaa akosi da bɛn?Mobɛdɔ adehunu akosi da bɛn?Mubedi atoro akyi akosi da bɛn? Sela.   Munhu sɛ ɛyɛ dɛn ara a, Yehowa bɛma n’anokwafo+ ada nsow;Mefrɛ Yehowa a, obetie me.+   Mo bo fuw a, monnyɛ bɔne.+Momma mo nsɛm ntena mo koma mu mo mpa so,+ na monyɛ komm. Sela.   Mommɔ trenee afɔre,+Na momfa mo ho nto Yehowa so.+   Nnipa pii reka sɛ: “Hena na ɔbɛma yɛahu papa?”O Yehowa, ma w’anim hann nhyerɛn yɛn so.+   Wobɛma me koma ani agye+Asen bere a wɔn nnɔbae ne wɔn nsã foforo abu so.+   Asomdwoe mu na mɛkɔ me kɛtɛ so, na asomdwoe mu na mɛda,+Efisɛ wo Yehowa nkutoo na woma minya ahotɔ.+

Ase Hɔ Nsɛm