Dwom 40:1-17

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom, ayeyi dwom. 40  Ɔtwɛn na metwɛn Yehowa,+Enti ɔyɛɛ aso maa me, na otiee me sufrɛ.+   Oyii me fii amoa a ɛworo mu,+Atɛkyɛ a epuw mu.+ Na ɔde me nan sii ɔbotan so;+Ɔmaa m’anammɔn timii.+   Na ɔde dwom foforo hyɛɛ m’anom;Ayeyi nka yɛn Nyankopɔn.+ Nnipa pii behu na wɔasuro,+Na wɔde wɔn ho ato Yehowa so.+   Anigye ne ɔbarima a ɔde ne ho to Yehowa so+Na ɔnnan n’ani nkyerɛ asobrakyefo,Ne wɔn a wɔman kodi atoro akyi.+   Nneɛma pii na woayɛ ama yɛn,+O Yehowa me Nyankopɔn, w’anwonwadwuma ne w’adwene;+Wɔrentumi mfa obiara nto wo ho.+ Sɛ mise mereka ɛho asɛm na makasa ho a,Ɛdɔɔso sen nea metumi akan.+   Afɔre ne ayɛyɛde de, w’ani annye ho;+Wubuee m’aso.+Ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre, woammisa.+   Ɛnna mekae sɛ: “Maba,+Wɔakyerɛw me ho asɛm wɔ nhoma mmobɔwee no mu.+   Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde, O me Nyankopɔn,+Na wo mmara wɔ me koma mu.+   Maka trenee ho asɛmpa asafo kɛse mu.+Hwɛ! Manka m’ano antom.+O Yehowa, wunim.+ 10  Mankata wo trenee so wɔ me koma mu.+Maka wo nokware ne wo nkwagye ho asɛm.+Mamfa w’adɔe ne wo nokware anhintaw asafo kɛse.”+ 11  O Yehowa, mfa wo mmɔborɔhunu nkame me.+Ma w’adɔe ne wo nokware mmɔ me ho ban daa nyinaa.+ 12  Mmusu a wonnim ano atwa me ho ahyia.+Me mfomso bebree a ɛsen nea mitumi hu abu afa me so;+Ɛdɔɔso sen me ti so nhwi,+Na me koma poo me.+ 13  O Yehowa, ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wubegye me.+O Yehowa, yɛ ntɛm bɛboa me.+ 14  Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra apra akɔ no nyinaa+Ani nwu na wɔmfɛre,+Ma wɔn a wɔpɛ me amanehunu no nsan wɔn akyi na wɔn anim ngu ase.+ 15  Ma wɔn a wɔka kyerɛ me sɛ: “Ahaa!Ahaa!” no,+Mfa ahodwiriw nhwɛ me, wɔn aniwu mu.+ 16  Ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa ani nnye+Na wonni ahurusi wo mu.+Ma wɔn a wɔpɛ wo nkwagye no+ nka daa sɛ:“Ma wɔnkamfo Yehowa.”+ 17  Na me de, meyɛ mmɔborɔni ne ohiani.+Yehowa na odwen me ho.+Wone me boafo ne me Gyefo.+O me Nyankopɔn, ntwentwɛn wo nan ase.+

Ase Hɔ Nsɛm