Dwom 41:1-13

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. 41  Anigye ne nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ;+Yehowa begye no ahohia da mu.+   Yehowa bɛhwɛ no so na wama no nkwa.+Wɔbɛfrɛ no anigye wɔ asase so.+Na woremfa ne kra nhyɛ n’atamfo nsa.+   Yehowa bɛwowaw no ɔyarepa so;+Wobɛhwɛ no ne yare mu.+   Me de, mekae sɛ: “O Yehowa, hu me mmɔbɔ.+Sa me kra yare, na mayɛ wo bɔne.”+   M’atamfo de, bɔne nko na wɔka me ho sɛ:+“Da bɛn na obewu na ne din ayera?”   Sɛ wɔba bɛhwɛ me a, atosɛm na wɔn koma keka;+Wɔtase nsɛmmɔne fa;Sɛ wofi adi a, wɔkeka ho asɛm wɔ abɔnten.+   Wɔn a wɔtan me nyinaa ka bom besebese wɔn ano wɔ me ho;+Wɔbɔ me ho pɔw bɔne daa sɛ:+   “Ɔyare bɔne bi atew agu no so;+Afei a watɔ fam yi, ɔrensɔre bio.”+   Nea me ne no te asomdwoe mu a mede me ho too no so mpo,+Nea na odi m’aduan no,+ wama ne nantin so atia me.+ 10  O Yehowa, hu me mmɔbɔ na ma me so,+Na ama matua wɔn ka.+ 11  Eyi ho na mahu sɛ wopɛ m’asɛm,Efisɛ me tamfo nni me ho ahurusi.+ 12  Me de, me nokwaredi nti woma me so,+Na wode me gyina w’anim daa.+ 13  Nhyira nka Yehowa, Israel Nyankopɔn no+Daa daa.+Amen ne Amen.+

Ase Hɔ Nsɛm