Dwom 42:1-11

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Kora+ mma Maskil.* 42  Sɛ́ ɔforote ani gyina nsu no,Saa ara na me kra ani agyina wo, O Onyankopɔn.+   Ampa ara, Onyankopɔn ho sukɔm de me kra,+ Onyankopɔn teasefo no.+Da bɛn na mɛkɔ akogyina Onyankopɔn anim?+   Me nusu ayɛ me aduan awia ne anadwo;+Na wobisa me daa sɛ: “Wo Nyankopɔn wɔ he?”+   Mekae saa nneɛma yi, na awerɛhow hyɛ me koma ma.*+Efisɛ me ne asafokuw no boom,Midii wɔn anim ne wɔn nantew komm kɔɔ Onyankopɔn fie,+Yɛde ahurusi dwom ne aseda nne kɔe+Sɛ nnipakuw a wɔrehyɛ fã.+   Me kra, dɛn nti na woabotow?+Na dɛn nti na wuntumi nyɛ komm wɔ me mu?+Twɛn Onyankopɔn,+Na mɛkamfo no bio sɛ me nkwagye kɛse.+   O me Nyankopɔn, me kra abotow wɔ me mu.+Ɛno nti na mekae wo,+Yordan asase ne Hermon mmepɔw so,+Bepɔw ketewa no.+   Wo nsu a ɛworo gu nnyigyei nti,Ebun frɛ ebun.W’asorɔkye akɛse no nyinaa+​—Abu afa me so.+   Yehowa bɛsoma n’adɔe adekyee,+Na mɛto ne dwom anadwo;+Me nkwa Nyankopɔn no na mɛbɔ no mpae.+   Mebisa Onyankopɔn, me botan no sɛ:+“Dɛn nti na wo werɛ afi me?+Dɛn nti na mede awerɛhow nantew, atamfo nhyɛso nti?”+ 10  Ahohora a m’ahohiafo bɔ me no yɛ me sɛ nea wɔrebubu me nnompe mu;+Na wobisa me daa sɛ: “Wo Nyankopɔn wɔ he?”+ 11  Me kra, dɛn nti na woabotow?+Na dɛn nti na wuntumi nyɛ komm wɔ me mu?+Twɛn Onyankopɔn,+Na mɛkamfo no bio sɛ me nkwagye kɛse ne me Nyankopɔn.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ ase hɔ, Dw 32:Atf.
Nea ɛkyerɛ ankasa ne “mihwie me kra gu me mu.”