Dwom 43:1-5

43  Onyankopɔn, bu me atɛn,+Na ɔman a wɔnka nokware no, wo ne wɔn nni mma me.+Gye me fi okontomponi ne omumɔyɛfo nsam.+   Na wone me Nyankopɔn, me guankɔbea.+Dɛn nti na woatow me akyene?Na dɛn nti na mede awerɛhow nantew, atamfo nhyɛso nti?+   Soma wo hann ne wo nokware.+Ma emmedi m’anim.+Ma ɛmfa me mmra wo bepɔw kronkron no so ne wo ntamadan kɛse no mu.+   Na mɛkɔ me Nyankopɔn afɔremuka ho,+M’ahurusi ne m’anigye Nyankopɔn no.+Onyankopɔn, mede sankuten mɛkamfo wo, O me Nyankopɔn.+   Me kra, dɛn nti na woabotow?+Na dɛn nti na wuntumi nyɛ komm wɔ me mu?Twɛn Onyankopɔn,+Na mɛkamfo no bio sɛ me nkwagye kɛse ne me Nyankopɔn.+

Ase Hɔ Nsɛm