Dwom 44:1-26

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Kora+ mma dwom. Maskil.* 44  O Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate,Yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn,+Nnwuma a woyɛe wɔn bere so,+Tete mmere no mu no.+   Wo na wode wo nsa pam amanaman,+Na wɔn de, wode wɔn duaa hɔ.+Wububuu amanaman, na wopam wɔn.+   Ɛnyɛ wɔn ankasa nkrante na wɔde nyaa asase no,+Na ɛnyɛ wɔn ankasa basa na egyee wɔn,+Na mmom wo nsa nifa ne wo basa+ ne w’anim hann,Efisɛ na wopɛ wɔn asɛm.+   Wo, Onyankopɔn, wone me Hene.+Hyɛ ma Yakob nnya nkwagye kɛse.+   Wo so na yɛnam sum yɛn atamfo gu;+Wo din mu na yɛnam tiatia wɔn a wɔsɔre tia yɛn no so.+   Mamfa me ho anto m’agyan so,+Na ɛnyɛ me nkrante na egyee me.+   Wo na wugyee yɛn fii yɛn atamfo nsam,+Na wɔn a wokyi yɛn kɔkɔkɔkɔ no, womaa wɔn ani wui.+   Onyankopɔn na yebeyi no ayɛ daa nyinaa,+Na yɛbɛkamfo wo din daa daa.+ Sela.   Nanso afei de, woatow yɛn akyene na woma yɛn anim gu ase daa,+Na wo ne yɛn asafodɔm nkɔ.+ 10  Woma yɛdan yɛn akyi kyerɛ yɛn atamfo,+Na wɔn a wokyi yɛn kɔkɔkɔkɔ no fow yɛn fa.+ 11  Wode yɛn mae sɛ nguan, woyɛɛ yɛn sɛ aduan,+Na woabɔ yɛn ahwete amanaman mu.+ 12  Woatɔn wo nkurɔfo fofoofow,+Na woamfa wɔn annye aboɔden annya mfaso. 13  Wode yɛn ayɛ ahohorade ama wɔn a wɔtete bɛn yɛn no;+Yɛayɛ fɛwdi ne asereserede ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia nyinaa.+ 14  Wode yɛn ayɛ aman akasabebu,+Woma aman wosowosow wɔn ti wɔ yɛn ho.+ 15  M’animguase wɔ m’anim daa nyinaa,Na m’anim aniwu akata me ho,+ 16  Nea ɔbɔ me ahohora ne nea ɔka me ho asɛmmɔne no nne nti,Ɔtamfo ne nea ɔtɔ were nti.+ 17  Eyinom nyinaa baa yɛn so, nanso yɛn werɛ amfi wo,+Na yɛammu w’apam so.+ 18  Yɛn koma annyae w’akyi di,+Na yɛn anammɔn nso amfi wo kwan so.+ 19  Nanso woabubu yɛn pasaa wɔ sakraman tenabea,+Na wode sum kabii akata yɛn so.+ 20  Sɛ yɛn werɛ afi yɛn Nyankopɔn din,Anaasɛ yɛatrɛw yɛn nsam abɔ onyame foforo bi mpae a,+ 21  Anka Onyankopɔn renhwehwɛ mu anaa?+Ɔno na onim koma mu ahintasɛm.+ 22  Wo nti wokum yɛn daa nyinaa;Na wobu yɛn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn.+ 23  Sɔre ɛ. Dɛn nti na woada, O Yehowa?+Nyan, na ntow yɛn nkyene afebɔɔ.+ 24  Dɛn nti na wuyi w’ani hintaw?Dɛn nti na wo werɛ fi yɛn amanehunu ne yɛn nhyɛso?+ 25  Yɛn kra abrɛ ase kɔ mfutuma mu;+Yɛn yafunu butuw fam. 26  Sɔre boa yɛn ɛ,+Na gye yɛn, w’adɔe nti.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Dw 32:Atf ase hɔ asɛm.