Dwom 45:1-17

Wɔde ma dwonkyerɛfo, Sukooko so. Kora mma dwom. Maskil.* Mmea adɔfo ho dwom. 45  Asɛmpa ahyɛ me koma ma abu so.+Mise: “Me nnwuma fa ɔhene ho.”+Ma me tɛkrɛma nyɛ sɛ ɔkyerɛwfo*+ a ne ho akokwaw kyerɛwdua.+   Wo ho yɛ fɛ sen nnipa mma koraa.+Wɔde anuonyam ahyɛ w’ano.+Ɛno nti na Onyankopɔn ahyira wo daa no.+   Otumfoɔ,+ fa wo nkrante+ bɔ w’asen ɛ,Ɛne w’anuonyam ne wo nidi;+   Na kodi nkonim w’anuonyam mu;+Tena wo pɔnkɔ so ma nokwaredi ne ahobrɛase ne trenee,+Na wo nsa nifa bɛkyerɛkyerɛ wo anwonwadwuma.+   W’agyan nnamnam no bɛwowɔ ɔhene atamfo koma mu;+Aman bɛhwehwe ase daa wo nan ase.+   Onyankopɔn ne w’ahengua daa daa,+Na w’ahempoma yɛ teeyɛ poma.+   Wodɔɔ trenee,+ na wukyii mmarato.+Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn,+ de ahurusi ngo+ asra wo+ sen wo mfɛfo no.+   Kurobow ne pɛprɛ ne kasia dua yi hua wo ntade nyinaa mu;+Sanku a wɔbɔ asommɛn+ aban mu ma wudi ahurusi.   Ahene mmabea+ wɔ wo mmea anuonyamfo mu.Ɔhemmaa ne ne nkurɔfo+ abegyina wo nsa nifa so, Ofir sika mu.+ 10  Tie, ɔbabea, na hwɛ, na yɛ aso;Ma wo werɛ mfi wo nkurɔfo ne wo papa fie.+ 11  Ɔhene ani begyina w’ahoɔfɛ,+Ɔne wo wura,+Enti kotow no.+ 12  Tiro babea nso de akyɛde ba+​—Ɔman no mu adefo bedwudwo wo bo.+ 13  Ɔhene babea wɔ anuonyam nyinaa bi wɔ fie hɔ;+N’atade, wɔde sika anwene mu. 14  Ɔhyɛ ntade a wɔanwene, na wɔde no brɛ ɔhene.+Wɔde ne mfɛfo mmaabun a wɔka ne ho bɛbrɛ wo.+ 15  Ahurusi ne anigye mu na wɔde wɔn bɛba;Wɔbɛhyɛn ɔhene ahemfie. 16  Wo mma+ besi w’agyanom+ ananmu,Na wobɛyɛ wɔn mpanyimfo, asase nyinaa so.+ 17  Mɛbɔ wo din, awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa mu.+Ɛno nti na aman bɛkamfo wo daa daa no.

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Dw 32:Atf ase hɔ asɛm.
Hwɛ Ne 8:1 ase hɔ asɛm no.