Dwom 46:1-11

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Kora+ mma dwom. Mmabaa nne so. 46  Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden,+Ahohia mu boafo a ɔwɔ hɔ daa.+   Ɛno nti sɛ asase sesa,+Na mmepɔw tutu kogu ɛpo bun mu mpo a, yɛrensuro;+   Sɛ emu nsu bu fa so, na ehuru,+Na mmepɔw wosow biribiri+ mpo a, yɛrensuro. Sela.   Asubɔnten bi wɔ hɔ a ne nsuwansuwa de ahurusidi ba Onyankopɔn kurow mu,+Ɔsorosoroni no ntamadan kronkron kɛse no.+   Onyankopɔn wɔ kurow no mfinimfini;+ ɛrenhinhim.+Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.+   Amanaman yɛɛ gyegyeegye,+ ahenni wosowosowee;Ɔde ne nne boboom, na asase nanee.+   Asafo Yehowa ne yɛn wɔ hɔ;+Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn abantenten.+ Sela.   Mommra mmɛhwɛ Yehowa nnwuma,+Sɛnea wayɛ anwonwadwuma pii asase so.+   Ɔma akodi gyae kosi asase ano.+Obubu agyan mu, na otwitwa peaw mu asinasin;+Ɔde gya hyew nteaseɛnam.+ 10  “Monyɛ komm, na munhu sɛ mene Nyankopɔn.+Wɔbɛma me so, amanaman mu,+Wɔbɛma me so, asase so.”+ 11  Asafo Yehowa ne yɛn wɔ hɔ;+Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn abantenten.+ Sela.

Ase Hɔ Nsɛm