Dwom 47:1-9

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Kora mma dwom. Ayeyi dwom. 47  Aman nyinaa, mommɔ mo nsam.+Momfa ahurusi nne mmɔ ose mma Onyankopɔn.+   Na Yehowa, Ɔsorosoroni no, ho yɛ hu,+Ɔyɛ Ɔhenkɛse asase nyinaa so.+   Ɔbɛka aman agu wɔ yɛn ase,+Na ɔde amanaman bɛhyɛ yɛn nan ase.+   Ɔbɛpaw yɛn agyapade ama yɛn,+Agyapade a Yakob a ɔdɔ no no de hoahoa ne ho.+ Sela.   Onyankopɔn de osebɔ aforo kɔ ne tenabea,+Yehowa de abɛn nne kɔ.+   Monto ayeyi dwom mma Onyankopɔn, monto dwom.+Monto ayeyi dwom mma yɛn Hene, monto dwom.   Na Onyankopɔn ne asase nyinaa so Hene;+Monto ayeyi dwom, momfa nhumu nyɛ adwuma.+   Onyankopɔn na ɔyɛ amanaman so hene.+Onyankopɔn atena n’ahengua kronkron no so.+   Aman atitiriw aboaboa wɔn ano,+Wɔne Abraham Nyankopɔn man.+ Efisɛ asase so akyɛm* nyinaa yɛ Onyankopɔn dea.+Wama ne ho so kɔ sorosoro nohoa.+

Ase Hɔ Nsɛm

Ebetumi akyerɛ atumfoɔ anaa wɔn a wɔbɔ ɔmanfo ho ban.