Dwom 48:1-14

Dwom. Kora mma+ ayeyi dwom. 48  Yehowa yɛ kɛse, na ɔfata ayeyi pii+Yɛn Nyankopɔn kurow mu,+ wɔ ne bepɔw kronkron no so.+   Bepɔw so kurow fɛfɛ, asase nyinaa anika,+Ne Bepɔw Sion, atifi fam nohoa,+Ɔhenkɛse kurow no.+   Onyankopɔn ama wɔahu no wɔ kurow no aban mu sɛ abantenten.+   Hwɛ! Ahene yɛɛ nhyehyɛe hyiae,+Wɔboom yuu twaam.+   Wohui; na wɔn ho dwiriw wɔn.Ɛhaw wɔn, na wɔde ahopopo guanee.+   Wɔn ho wosow biribiribiri wɔ hɔ,+Awoko yaw kaa wɔn sɛ ɔbea a ɔrewo.+   Wode apuei mframa bobɔ Tarsis ahyɛn.+   Sɛnea yɛate no, saa ara na yɛahu+Wɔ asafo Yehowa kurow, yɛn Nyankopɔn kurow no mu.+Onyankopɔn na ɔde betim hɔ afebɔɔ.+ Sela.   O Onyankopɔn, yɛadwinnwen w’adɔe ho+Wɔ w’asɔrefie hɔ.+ 10  O Onyankopɔn, sɛ́ wo din te no,+ saa ara na w’ayeyiKodu asase ano nohoa.Trenee ahyɛ wo nsa nifa mã.+ 11  Ma Bepɔw Sion+ nni ahurusi;Ma Yuda nkurow nketewa ani nnye,+ w’atemmusɛm nti.+ 12  Muntwa Sion ho nhyia; mommɔ ho aporɔw.+Monkan n’abantenten.+ 13  Momfa mo ani nsi ne pempe so,+Monhwɛ n’abantenten,Na moatumi aka akyerɛ nkyirimma.+ 14  Na Onyankopɔn yi ne yɛn Nyankopɔn daa daa.+Ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn kwan de akosi wu mu.+

Ase Hɔ Nsɛm