Dwom 49:1-20

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Kora+ mma dwom. Ayeyi dwom. 49  Aman nyinaa, muntie.Mo a mowɔ wiase+ nyinaa, monyɛ aso,   Adesamma ne nnipa mma nyinaa,Adefo ne ahiafo nyinaa.+   M’ano bɛka anyansasɛm,+Na ntease na medwen ho me koma mu.+   Mɛyɛ aso ama akasabebu;+Na mede sankuten bɛkyerɛkyerɛ m’aborɔme mu.+   Dɛn nti na ɛsɛ sɛ misuro nna bɔne,+Bere a wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛe atwa me ho ahyia no?+   Wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonyade so,+Na wɔde wɔn ahonyade bebree hoahoa wɔn ho no,+   Wɔn mu biara ntumi nnye onua,+Na ɔrentumi mma Onyankopɔn mpatade mfa nnye no;   (Wɔn kra gye bo yɛ den+Enti wɔrentumi ntua da)   Na ama watena ase daa a onhu ɔdamoa.+ 10  Ohu sɛ anyansafo mpo wuwu,+Wɔne nkwasea ne nea onni adwene nyinaa sɛe,+Na wogyaw wɔn ahonyade ma ebinom.+ 11  Wɔn koma mu no, wonyae a, anka wɔn afie wɔ hɔ daa,+Na wɔn ntamadan nso wɔ hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.+Wɔde wɔn din atoto wɔn nsase so.+ 12  Nanso ɔdesani, sɛ ɔwɔ nidi mpo a, ɔrentena ase daa;+Ɔte sɛ mmoa a wɔsɛe kwa.+ 13  Ɔkwan a agyimfo fa so ni,+Na saa na wɔn a wodi wɔn akyi ba a wɔpɛ wɔn anom asɛm no nso te. Sela. 14  Wɔte sɛ nguan a wɔapaw wɔn ama Adamoa;*+Owu na ɛbɛyɛn wɔn;+Teefo na wobedi wɔn so anɔpa,+Na wɔn nipadua bɛsɛe;+Adamoa na ɛbɛyɛ wɔn mu biara tenabea, na ɛnyɛ beae a ɛkorɔn.+ 15  Nanso me kra de, Onyankopɔn begye no Adamoa nsam,+Na obegye me ampa. Sela. 16  Sɛ obi nya ne ho a, nsuro,+Sɛ ne fie anuonyam redɔɔso a, nsuro.+ 17  Na owu a, ɔrentumi mfa hwee nkɔ;+N’anuonyam renni n’akyi.+ 18  Ɔte ase no na ohyira ne kra daa;+(Nnipa beyi wo ayɛ sɛ wudii yiye nti)+ 19  Ne kra bɛkɔ n’agyanom nkyɛn.+Na wɔrenhu hann bio.+ 20  Onipa desani, sɛ ɔwɔ nidi mpo na onni ntease+ a,Ɔte sɛ mmoa a wɔsɛe kwa.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaasɛ “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.