Dwom 5:1-12

Wɔde ma dwonkyerɛfo, Nehilot* so. Dawid dwom. 5  O Yehowa, yɛ aso+ ma me nsɛm;Te me ase, m’apinisi mu.   Tie me sufrɛ,+O me Hene+ ne me Nyankopɔn, efisɛ wo na mebɔ wo mpae.+   O Yehowa, anɔpa wobɛte me nne;+Mɛka m’asɛm akyerɛ wo anɔpa na matwɛn.+   Woyɛ Onyankopɔn a wompɛ amumɔyɛ;+Ɔdebɔneyɛfo biara ne wo rentena+ da biara da.   Ɔhohoahoafo biara rennyina w’anim;+Wotan amumɔyɛfo nyinaa;+   Wobɛsɛe wɔn a wɔka atosɛm.+Yehowa kyi mogyahwiegufo+ ne ɔdaadaafo.+   Me de, w’adɔe+ dodow muNa mɛba wo fie,+Na wo suro mu na mɛkotow de m’ani akyerɛ w’asɔrefie kronkron no.+   O Yehowa, kyerɛ me kwan wo trenee mu,+ efisɛ atamfo atwa me ho ahyia;+Ma wo kwan so nna hɔ m’anim.+   Nokware biara nni wɔn anom;+Bɔne nkutoo na ɛwɔ wɔn mu.+ Wɔn menewa yɛ ɔdamoa a ano da hɔ;+Wɔde wɔn tɛkrɛma dɛfɛdɛfɛ.+ 10  Onyankopɔn bebu wɔn fɔ;+Wɔn ankasa pɔw bɔne mu na wɔbɛhwe.+ Wɔn mmarato bebrebe mu na ma wɔnhwete,+Efisɛ wɔatew wo so atua.+ 11  Na wɔn a woguan toa wo no de, wɔn nyinaa bedi ahurusi;+Wɔbɛto ahurusi dwom daa.+ Wobɛbɔ wɔn ho ban ahyia,Na wɔn a wɔdɔ wo din bedi wo mu ahurusi.+ 12  O Yehowa, wo na wubehyira obiara a ɔyɛ adetrenee;+Wode anisɔ begye ne ho ban ahyia+ sɛ ɔkyɛm+ kɛse.

Ase Hɔ Nsɛm

Nehilot yɛ Hebri asɛm bi a wonnim nea ɛkyerɛ pɔtee. Ebetumi aba sɛ ɛyɛ abɛn bi a wɔde bɔ nnwom anaa dwom bi.