Dwom 50:1-23

Asaf+ ayeyi dwom. 50  Onyankopɔn Tweaduampɔn,+ Yehowa+ akasa;+Ɔfrɛ asase+Fi apuei kosi atɔe.+   Sion, ahoɔfɛ a ewie pɛyɛ+ mu na Onyankopɔn fi hyerɛn.+   Yɛn Nyankopɔn bɛba, na ɔrentumi nyɛ komm.+Ogya bedi n’anim ahyew ade,+Na ahum kɛse atwa ne ho ahyia.+   Ɔfrɛ ɔsoro ne asase+Sɛ ɔrebebu ne man atɛn:+   “Mommoaboa m’anokwafo ano mma me,+Wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me ayɛ apam no.”+   Ɔsoro ka ne trenee kyerɛ,+Na Onyankopɔn ne Ɔtemmufo.+ Sela.   “Me man, muntie, na merebɛkasa,+O Israel, tie, na merebedi adanse atia wo.+Mene Onyankopɔn, wo Nyankopɔn.+   Ɛnyɛ mo afɔrebɔ nti na mereka mo anim,+Na ɛnyɛ mo hyew afɔre a ɛwɔ m’anim daa ntia.+   Meremfa nantwinini mfi mo fie,+Na meremfa mpapo mfi mo nguannan mu. 10  Efisɛ me na kwae mu mmoadoma nyinaa wɔ me,+Mmepɔw apem so mmoa nyinaa.+ 11  Minim mmepɔw so ntakraboa nyinaa,+Na wuram mmoadoma nyinaa wɔ me.+ 12  Sɛ ɔkɔm de me a, merenka nkyerɛ wo;Efisɛ asase+ ne emu nneɛma nyinaa yɛ me dea.+ 13  Mihia anantwinini akɛse nam anaa?+Anaa mihia mpapo mogya?+ 14  Fa aseda bɔ Onyankopɔn afɔre,+Na tua wo bɔhyɛ ade ma Ɔsorosoroni no;+ 15  Frɛ me ahohia da.+Na megye wo na woahyɛ me anuonyam.”+ 16  Na ɔdebɔneyɛfo de, Onyankopɔn bɛka akyerɛ no sɛ:+“Hena na ɔmaa wo kwan sɛ ka m’ahyɛde,+A wode w’ano ka m’apam ho asɛm yi,+ 17  Bere a wo koro yi ara wotan nteɛso,+Na woatow me nsɛm agu w’akyi yi?+ 18  Sɛ wuhu ɔkorɔmfo a, ɛyɛ wo fɛ;+Na wo ne awaresɛefo na ɛbɔ.+ 19  Wubue w’ano kɔ bɔne mu,+Na wode wo tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.+ 20  Wotena ase keka wo nua ho nsɛm,+Na wo maame ba mpo, wudi ne ho nseku.+ 21  Woayɛ eyinom nyinaa, na meyɛɛ dinn.+Ná wususuw sɛ mɛyɛ sɛ wo ara.+Merebɛka w’anim,+ na mede nea woayɛ asi w’anim.+ 22  Mo a mo werɛ afi Onyankopɔn,+ monte eyi ase,Na mantetew mo mu pasaa a ogyefo biara nni hɔ.+ 23  Nea ɔde aseda bɔ afɔre no na ɔbɛhyɛ me anuonyam;+Na nea ɔnam ɔkwampa so no,Mɛma wahu Onyankopɔn nkwagye.”+

Ase Hɔ Nsɛm