Dwom 51:1-19

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Bere a ɔkɔɔ Bat-Seba+ ho a odiyifo Natan baa ne nkyɛn no. 51  O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛnea w’adɔe te.+Sɛnea wo mmɔborɔhunu bebrebe te no, popa me mmarato.+   Hohoro me ho koraa fi me mfomso ho,+Na tew me ho fi me bɔne ho.+   Me mmarato no, minim,+Na me bɔne wɔ m’anim daa nyinaa.+   Wo nko ara na mayɛ wo bɔne;+Nea enye w’ani so no, mayɛ.+ Enti wudi bem wo kasa mu,+Na wo ho tew w’atemmu mu.+   Hwɛ! Amumɔyɛ mu na wɔwoo me,+Na bɔne mu na me maame nyinsɛn me.+   Hwɛ! Koma mu nokwaredi na w’ani gye ho,+Na nyansa na ma minhu me koma mu.+   Fa sommɛ yi me ho bɔne na ama me ho atew,+Hohoro me ho na menyɛ fitaa nsen sukyerɛmma.+   Ma mente ahosɛpɛw ne ahurusi,+Na nea* woabubu no no anya anigye.+   Yi w’ani fi me bɔne so,+Na popa me mfomso nyinaa.+ 10  O Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me,+Na fa honhom foforo a ase atim hyɛ me mu.+ 11  Ntow me nkyene mfi w’anim;+Na wo honhom kronkron no nso, nyi mfi me so.+ 12  Ma mensan nni wo nkwagye ho ahurusi,+Na ma minnya koma a ebetie wo.+ 13  Mɛkyerɛkyerɛ mmaratofo w’akwan,+Na abɔnefo asan aba wo nkyɛn.+ 14  O Onyankopɔn, me nkwagye Nyankopɔn,+ gye me fi mogya ho afɔdi mu,+Na me tɛkrɛma de anigye aka wo trenee ho asɛm.+ 15  O Yehowa, bue m’ano,+Na m’ano atumi aka w’ayeyi akyerɛ.+ 16  W’ani nnye afɔrebɔ ho, ɛnyɛ saa a, anka mede bɛma wo;+Ɔhyew afɔre nsɔ w’ani.+ 17  Onyankopɔn afɔre ne honhom a abubu;+O Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempo.+ 18  W’adom mu na wo ne Sion nni no yiye;+San to Yerusalem afasu ɛ.+ 19  Ɛno na w’ani begye trenee afɔre ho,+Ɛne ɔhyew afɔre ne afɔre mũ;+Ɛno na wɔde anantwinini bɛbɔ afɔre w’afɔremuka so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ankasa ne “nnompe.”