Dwom 53:1-6

Wɔde ma dwonkyerɛfo, Mahalat*+ so. Maskil.* Dawid dwom. 53  Onipa a onni adwene ka wɔ ne komam sɛ:“Yehowa biara nni hɔ.”+Wɔadi asɛmmɔne, wɔayɛ akyide, amumɔyɛ mu.+Obiara nni hɔ a ɔyɛ adepa.+   Onyankopɔn de, ofi soro hwɛ nnipa mma,+Sɛ obehu sɛ obi wɔ hɔ a ɔwɔ nhumu anaa, obi a ɔhwehwɛ Yehowa.+   Wɔn nyinaa ayera, wɔn nyinaa aporɔw;+Obiara nni hɔ a ɔyɛ adepa,+Obiako mpo nni hɔ.   Amumɔyɛfo mu biara nni nimdeɛ+ anaa,Enti na wɔmemene me man sɛnea wodi aduan yi?+Wɔmfrɛ Yehowa mpo.+   Ɛhɔ na ehu kɛse bɛka wɔn,+Baabi a ahude nni;+Wɔn a wɔbɔ wo so nsra no, Onyankopɔn na ɔbɛbɔ wɔn nnompe apete.+Wobɛma wɔn ani awu, efisɛ Yehowa na wapo wɔn.+   O sɛ Israel nkwagye kɛse befi Sion aba ɛ!+Sɛ Yehowa san boaboa ne man ano fi nkoasom mu ba a,+Ɛnde ma Yakob ani nnye na Israel nni ahurusi.+

Ase Hɔ Nsɛm

Mahalat yɛ Hebri asɛm bi. Ebetumi ayɛ nnwom mu asɛm bi. Ɛnyɛ obiara na ɔte ase.
Hwɛ Dw 32:Atf ase hɔ asɛm.