Dwom 54:1-7

Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa sanku nto. Maskil.* Dawid dwom; bere a Sififo kɔka kyerɛɛ Saul sɛ: “Wunnim sɛ Dawid de ne ho abehintaw yɛn nkyɛn anaa”+ no? 54  Onyankopɔn, fa wo din so gye me ɛ,+Na fa wo tumi di m’asɛm ma me.+   O Onyankopɔn, tie me mpaebɔ;+Yɛ aso ma m’anom nsɛm.+   Na ananafo asɔre atia me,Ne atirimɔdenfo a wɔhwehwɛ me kra no.+Wɔmfaa Onyankopɔn nsii wɔn ani so.+ Sela.   Hwɛ! Onyankopɔn ne me boafo;+Yehowa wɔ wɔn a woso me kra mu no afã.   Ɔde bɔne betua m’atamfo ka;+Ma wɔnka wɔn ano ntom wo nokwaredi mu.+   Meyi me yam abɔ afɔre ama wo.+O Yehowa, mɛkamfo wo din, efisɛ eye.+   Wagye me afi ahohia nyinaa mu,+Na mede m’aniwa ahwɛ m’atamfo.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Dw 32:Atf ase hɔ asɛm.