Dwom 55:1-23

Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa sanku nto. Maskil.* Dawid dwom. 55  O Onyankopɔn, yɛ aso ma me mpaebɔ;+Na mfa wo ho nhintaw me nkotɔsrɛ.+   Wɛn w’aso ma me, na gye me so.+Adwennwen mma me ho ntɔ me,+Na me ho yeraw me,   Ɔtamfo nne ne ɔdebɔneyɛfo ahoguan nti.+Wɔka nsɛmmɔne gu me so daa,+Na wonya me ho menasepɔw abufuw mu.+   Me koma di yaw pii wɔ me mu,+Na owu ho hu atɔ me so.+   Osuro ne ahopopo ahyɛn me mu,+Ɔwosow biribiri asi me so.   Na meka daa sɛ: “O sɛ mewɔ ntaban te sɛ aborɔnoma a!+Anka metu akɔtena baabi.+   Hwɛ! Anka metu akɔ akyirikyiri;+Anka mɛtena sare so.+​—Sela​   Anka metu mmirika akɔ me guankɔbea,Afi mframa kɛse ne ahum no mu.”+   O Yehowa, ma wɔn adwene ntu mfra, na yɛ wɔn kasa basabasa,+Na mahu anuɔdensɛm ne akasakasa wɔ kurow no mu.+ 10  Wɔnam n’afasu so twa ho hyia awia ne anadwo;+Na amumɔyɛsɛm ne ɔhaw wom.+ 11  Amanehunu pii wom;Na nhyɛso ne nnaadaa mpa n’abɔnten so.+ 12  Ɛnyɛ ɔtamfo na ɔbɔ me ahohora;+Anka ɛrenhaw me. Ɛnyɛ nea okyi me kɔkɔkɔkɔ na wama ne ho so atia me;+Anka mede me ho behintaw no.+ 13  Na mmom ɛyɛ wo, ɔdesani a wo ne me yɛ pɛ,+Obi a minim wo, me mannifo,+ 14  Me yɔnko a me ne wo dii atirimsɛm,+A yɛne nnipadɔm boom kɔɔ Onyankopɔn fie.+ 15  Ma wɔn ase nhyew!+Ma wɔnkɔ Adamoa* mu anikan,+Na baabiara a wɔte no, nsɛmmɔne nkutoo na ɛte wɔn mu.+ 16  Me de, Onyankopɔn na mɛfrɛ no;+Na Yehowa na obegye me nkwa.+ 17  Anwummere ne anɔpa ne owigyinae, midwinnwen na misi apini,+Na ɔte me nne.+ 18  Obegye me kra afi ɔko a wɔko tia me mu,+ na wama anya asomdwoe,Efisɛ nnipadɔm na wɔreko atia me.+ 19  Onyankopɔn bɛte na wabua wɔn,+Nea Ɔte ahengua so fi tete no+​—Sela.​ Wɔn de, wɔnsesã,+Na wonsuro Onyankopɔn.+ 20  Wateɛ ne nsa aka wɔn a wɔne no te asomdwoe mu;+Wabu n’apam so.+ 21  N’anom nsɛm yɛ fekɔɔ sen bɔta,+Nanso ɔko wɔ ne komam.+ Ne nsɛm mu dwo bɛtɛɛ sen ngo,+Nanso ɛyɛ nkrante a wɔatwe.+ 22  Dan w’adesoa to Yehowa so,+Na obeso wo mu.+Ɔremma ɔtreneeni nhinhim da.+ 23  Na wo, Onyankopɔn, wo na wode wɔn bɛkɔ amoa mu tɔnn.+Mogyapɛfo ne nkontompofo renni wɔn nna mu fã.+Na me de, mede me ho bɛto wo so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Dw 32:Atf ase hɔ asɛm.
Anaasɛ “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.