Dwom 56:1-13

Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Aborɔnoma Mum” nne so, wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no mu. Dawid dwom. Miktam;* bere a Filistifo kyeree no wɔ Gat+ no. 56  O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na onipa desani repɛ me amene me.+Daa adesae ɔde ɔko hiahia me ho.+   M’atamfo pɛ me amene me daa nyinaa,+Na wɔn a wɔama wɔn ho so ne me reko no dɔɔso.+   Me de, da biara a mɛbɔ hu no, mede me ho bɛto wo so.+   Onyankopɔn mu na meyi n’asɛm ayɛ.+Onyankopɔn mu na mede me werɛ ahyɛ; merensuro.+Ɔhonam betumi ayɛ me dɛn?+   Daa nyinaa wosi me nsɛm ti ase;Bɔne nko na wodwen wɔ me ho.+   Wɔtow hyɛ me so, na wohintaw;+Wɔn de, wɔhyɛ m’anammɔn nsow,+Na wɔtwɛn me kra.+   Wɔn amumɔyɛ nti, tow wɔn gu.+Brɛ nkurɔfo no ase w’abufuw mu, O Onyankopɔn.+   Woakyerɛw oguanfo a mayɛ yi ato hɔ.+Fa me nusu gu wo kotoku* mu.+Enni wo nhoma mu anaa?+   M’atamfo bɛsan wɔn akyi saa bere no, ɛda a mɛfrɛ no;+Eyi na minim, sɛ Onyankopɔn wɔ m’afa.+ 10  Onyankopɔn mu+ na meyi n’asɛm ayɛ;Yehowa mu na meyi n’asɛm ayɛ.+ 11  Onyankopɔn so na mede me ho mato, merensuro.+Onipa betumi ayɛ me dɛn?+ 12  O Onyankopɔn, wo bɔhyɛ ade wɔ me hɔ.+Mede w’aseda afɔre bɛma wo.+ 13  Woagye me kra afi owu mu+​—Wunyii me nan mfii asehwe mu anaa?+​—Na ama masom Onyankopɔn wɔ ateasefo hann mu.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Dw 16:Atf ase hɔ asɛm.
Nea ɛkyerɛ ankasa ne “toa a wɔde aboa nhoma ayɛ.”