Dwom 58:1-11

Wɔde ma dwonkyerɛfo. “Nsɛe me.” Dawid dwom. Miktam.* 58  Moayɛ dinn yi, mubetumi aka trenee ho asɛm ni?+Mubetumi abu atɛn, trenee mu, O mo nnipa mma?+   Mmom, amumɔyɛsɛm nko ara na mode mo koma di wɔ asase so,+Na mode mo nsa bɔ kwan ma awudisɛm!+   Nnebɔneyɛfo yɛ akɔntɔnkyefo fi awotwaa mu;+Wɔyera kwan fi ɔyafunu mu tɔnn;Wodi atoro.+   Wɔn bɔre te sɛ ɔwɔ bɔre,+Wɔte sɛ ɔprammiri a wasisiw n’aso,+   A ontie kaberɛkyerefo nne,+Bere a onyansafo de nkonyaa akyekyere no mpo.+   O Onyankopɔn, tutu wɔn sẽ fi wɔn anom.+Bubu gyata abogye, O Yehowa.   Ma wɔnyera sɛ nsu a ɛyow;+Ma onkuntun n’agyan mu bere a wɔhwehwe ase no.+   Wɔnantew sɛ nwaw a ɔrewu;*Wɔte sɛ ɔba a ne maame apɔn no; wɔrenhu owia da.+   Ansa na mo nkuku bɛte nnɛnkyɛnse gya nka no,+Ɔbɛsoa momono ne nea ɛrehyew no nyinaa akɔ sɛ ahum.+ 10  Ɔtreneeni bedi ahurusi sɛ wahu aweredi.+Ɔbɛhohoro ne nan ho wɔ ɔdebɔneyɛfo mogya mu.+ 11  Na adesamma bɛka sɛ:+ “Ampa ara, akatua wɔ hɔ ma ɔtreneeni.+Ampa ara, Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu atɛn asase so.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Dw 16:Atf ase hɔ asɛm.
Nea ɛkyerɛ ankasa ne “nwaw a ɔrenan.”