Dwom 59:1-17

Wɔde ma dwonkyerɛfo. “Nsɛe me.” Dawid dwom. Miktam;* bere a Saul somae sɛ wɔnkɔwɛn ne fie nkum no no.+ 59  O me Nyankopɔn, gye me fi m’atamfo nsam;+Bɔ me ho ban wɔ wɔn a wɔsɔre tia me no ho.+   Gye me fi amumɔyɛfo nsam,+Na gye me fi mogyapɛfo nsam.   Hwɛ! Wɔtɛw me kra;+Na ahoɔdenfo tow hyɛ me so,+Bere a menyɛɛ mmaratode anaa bɔne biara, O Yehowa.+   Minnii mfomso biara, nanso wotu mmirika siesie wɔn ho.+Sɛ mefrɛ wo a sɔre, na hwɛ.+   Na wo, asafo Yehowa Nyankopɔn, wone Israel Nyankopɔn.+Sɔre na hwɛ amanaman nyinaa.+Nhu ɔbɔnefo ɔfatwafo biara mmɔbɔ.+ Sela.   Wɔba anwummere biara;+Wɔpa so sɛ ɔkraman,+ na wotwa kurow no ho hyia.+   Hwɛ! Wɔde wɔn ano woro nsɛm basabasa;+Nkrante wɔ wɔn ano,+Na hena na ɔretie?+   Na wo, Yehowa, wobɛserew wɔn;+Wubedi amanaman nyinaa ho fɛw.+   M’ahoɔden, O wo na m’ani da wo so;+Onyankopɔn ne m’abantenten.+ 10  Adɔe Nyankopɔn no de animtew behyia me;+Onyankopɔn bɛma m’aniwa ahwɛ m’atamfo.+ 11  Nkum wɔn na me man werɛ amfi.+Fa w’ahoɔden bɔ wɔn pansam;+O yɛn kyɛm Yehowa, ma wɔnhwe ase,+ 12  Wɔn anom asɛm bɔne ne nsɛm a wɔn tɛkrɛma keka+ nti;Ma wɔnkyere wɔn, wɔn ahantan mu,+Nsew a wodi ne nnaadaasɛm a daa wɔka nti. 13  Ma wɔn awiei mmra, w’abufuw mu;+Ma wɔn awiei mmra na womfi hɔ;Ma wonhu sɛ Onyankopɔn na odi Yakob so kosi asase ano nohoa.+ Sela. 14  Ma wɔmmra anwummere;Ma wɔmpa so sɛ ɔkraman, na wontwa kurow no ho nhyia.+ 15  Ma wɔnnenam basabasa nhwehwɛ nea wobedi,+Mma wɔmmmee, na anadwo nso, mma wonnnya baabi nnna.+ 16  Na me de, mɛto w’ahoɔden ho dwom,+Na anɔpa, mede anigye bɛka w’adɔe ho asɛm.+ Efisɛ woayɛ m’abantenten,+Ne m’ahohia bere mu guankɔbea.+ 17  M’ahoɔden, wo na mɛto dwom ama wo;+Onyankopɔn ne m’abantenten, Onyankopɔn a ɔyɛ me adɔe no.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Dw 16:Atf ase hɔ asɛm.