Dwom 6:1-10

Wɔde ma dwonkyerɛfo, sɛ wɔmfa sanku nto no nea ɛto so awotwe so.+ Dawid dwom. 6  O Yehowa, nka m’anim w’abufuw mu,+Na nteɛ me so w’abufuhyew mu.+   Hu me mmɔbɔ, O Yehowa, na mahodwow.+O Yehowa, sa me yare+ na me nnompe mu agow.   Me kra abotow+ dodo;Enkosi da bɛn, O Yehowa?+   O Yehowa, san bra+ na begye me kra;+W’adɔe+ nti, gye me ɛ.   Obiara remmɔ wo din wɔ owu mu;+Na hena na ɔbɛkamfo wo wɔ Adamoa* mu?+   M’apinisi ama mabrɛ;+Me mpa fɔw+ anadwo mũ nyinaa;Mede nusu guare me mpa.+   Ahometew ama m’aniwa ayɛ wusiwusi,+Ayɛ kusuu, m’atamfo dodow nti.+   Amumɔyɛfo nyinaa, mumfi me so nkɔ,+Na Yehowa bɛte me su.+   Yehowa betie me nkotɔsrɛ;+Yehowa bebua me mpaebɔ.+ 10  M’atamfo nyinaa ani bewu+ pɔtɔɔ na wɔayɛ basaa;Wɔbɛsan wɔn akyi, wɔn ani bewu ntɛm pa ara.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Sheol.” Nea ɛkyerɛ ne adesamma adamoa. Hwɛ Nkekaho 4.