Dwom 60:1-12

Wɔde ma dwonkyerɛfo, Sukooko Nkae so. Miktam.* Dawid dwom. Wɔde kyerɛkyerɛ;+ bere a ɔne Aram-Naharaim ne Aram-Soba koe, na Yoab bekunkum Edomfo a wɔn dodow yɛ mpem dumien wɔ Nkyene Bon mu no.+ 60  Onyankopɔn, woatow yɛn akyene, woatow ahyɛ yɛn so,+Wo bo afuw. Gye yɛn tom bio ɛ.+   Woama asase awosow, woama emu apaapae.+Keka si anim, na awosow.+   Woama wo man ahu amane.+Woama yɛanom nsa ma yɛretetew gu.+   Wode ahyɛnsode+ asi hɔ ama wɔn a wosuro wo noSɛ agyan nti, wonguan nkɔ benkum ne nifa. Sela.   Nea ɛbɛyɛ na wɔagye w’adɔfo no,+Yɛsrɛ wo, fa wo nsa nifa gye yɛn, na tie yɛn.+   Onyankopɔn ankasa akasa ne kronkronyɛ mu sɛ:+“Medi ahurusi, mede Sekem bɛma wɔn sɛ wɔn kyɛfa;+Na mesusuw Sukot asasetaw ama wɔn.+   Gilead yɛ me dea, Manase nso yɛ me dea,+Na Efraim yɛ me otitiriw abankɛse;Yuda yɛ m’ahempoma.*+   Moab yɛ me guasɛn.+Edom na mɛtow me mpaboa ato.+Filistia ho na mɛbɔ ose.”+   Hena na ɔde me bɛkɔ kurow a wɔatwa ho ahyia no mu?+Hena koraa na obedi m’anim ara akodu Edom?+ 10  Ɛnyɛ wo, Onyankopɔn, na woatow yɛn akyene,+Na wo ne yɛn asafodɔm nkɔ bio sɛ yɛn Nyankopɔn?+ 11  O gye yɛn fi ahohia mu,+Efisɛ mfaso bi nni onipa desani nkwagye so.+ 12  Onyankopɔn hɔ na yebenya ahoɔden,+Na ɔno na obetiatia yɛn atamfo so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Dw 16:Atf ase hɔ asɛm.
Hebri asɛmfua no kyerɛ poma tenten bi a ɛkyerɛ hokwan a otitiriw bi wɔ sɛ ɔde ahyɛde ma.