Dwom 61:1-8

Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa sanku nto. Dawid dwom. 61  Onyankopɔn, tie me sufrɛ ɛ,+Na yɛ aso ma me mpaebɔ.+   Sɛ me koma bubu a, mefi asase ano nohoa masu mafrɛ wo.+Gya me kɔ ɔbotan a ɛwɔ soro sen me so.+   Na wone me guankɔbea,+Ne m’abannennen, m’atamfo anim.+   Mɛsoɛ wo ntamadan mu afebɔɔ;+Wo ntaban ase na meguan abɛtɛw.+ Sela.   Na wo, Onyankopɔn, na woate bɔ a mahyɛ nyinaa.+Woama me agyapade a ɛda hɔ ma wɔn a wosuro wo din no.+   Wode nna bɛka ɔhene mfe ho;+Ne mfe bɛyɛ sɛ awo ntoatoaso pii.+   Ɔbɛtena Onyankopɔn anim afebɔɔ;+O ma adɔe ne nokware mmɔ ne ho ban.+   Ɛno na mɛto dwom ama wo din daa,+Na matua me bɔhyɛ ade da biara.+

Ase Hɔ Nsɛm