Dwom 63:1-11

Dawid dwom; bere a ɔwɔ Yuda sare so no.+ 63  Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn, na wo na mehwehwɛ wo daa.+Wo ho sukɔm de me kra.+Wo ho anigyina ama matɔ pitiWɔ asase wosee a hwee nni so so, faako a nsu nni.+   Saa na mahu wo wɔ kronkronbea hɔ,+Na mahu w’ahoɔden ne w’anuonyam.+   Esiane sɛ w’adɔe ye sen nkwa nti,+M’ano na mede bɛkamfo wo.+   Saa na mehyira wo me nkwa nna nyinaa;+Wo din mu na mɛma me nsa so.+   Me kra mee sɛ nea onya adepa ne srade,+Na m’ano de ahurusi dwom beyi wo ayɛ.+   Sɛ mekae wo me kɛtɛ so+Anadwo dasum* a, midwinnwen wo ho.+   Wone me boafo,+Na wo ntaban nwini ase na meto ahurusi dwom.+   Me kra di w’anammɔn akyi;+Wo nsa nifa kura me mu denneennen.+   Wɔn a wɔrehwehwɛ me kra asɛe no no de,+Asase ase tɔnn na wɔbɛkɔ.+ 10  Wɔde wɔn bɛhyɛ nkrante nsa;+Wɔbɛdan asakraman aduan.+ 11  Na ɔhene bedi Onyankopɔn mu ahurusi.+Obiara a ɔka no ntam no bɛhoahoa ne ho,+Efisɛ wɔbɛma nkontompofo aka wɔn ano atom.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “mmere a wɔde wɛn anadwo.”